Luka 23:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na nnipadɔm no nyinaa teaam kaa sɛ: “Fa oyi kɔ,+ na gyaa Baraba ma yɛn!”+ Yohane 19:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nanso wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Memmɔ mo hene asɛndua mu?” Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara sɛ Kaesare.”+ Asomafoɔ Nnwuma 22:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na wɔtiee no bɛsii saa asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so kaa sɛ: “Yi onipa yi firi asase so, ɛfiri sɛ ɔmfata sɛ ɔtena aseɛ!”+
15 Nanso wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Memmɔ mo hene asɛndua mu?” Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara sɛ Kaesare.”+
22 Na wɔtiee no bɛsii saa asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so kaa sɛ: “Yi onipa yi firi asase so, ɛfiri sɛ ɔmfata sɛ ɔtena aseɛ!”+