29 Enti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na wɔn nyinaa de akoma korɔ bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na wɔkyee Gaio ne Aristarko+ a wɔyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ no.
4 Ná wɔn a wɔka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopata,+ Aristarko+ ne Sekundo a wɔyɛ Tesalonikafoɔ, Derbeni Gaio, Timoteo,+ ne Tihiko+ ne Trofimo+ a wɔfiri Asia mantam mu no.