46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kane.+ Nanso ɛsiane sɛ mopia to nkyɛn+ na mommu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredane akɔ amanaman no nkyɛn.+
11 Enti mebisa sɛ, wɔsunti maa wɔhwee ase+ koraa? Ɛrentumi mma saa da! Na mmom watiri a wɔwatiriiɛ+ no ama amanaman mufoɔ anya nkwagyeɛ+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛka wɔn ama wɔatwe ninkunu.+