21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+
27 Ɛno ara ne sɛ momma mo abrabɔ mfata+ Kristo asɛmpa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na sɛ meba bɛhu mo anaasɛ menni hɔ mpo a, mɛte mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn wɔ honhom korɔ mu, na mode ɔkra+ korɔ bom di apereɛ ma asɛmpa no gyidie,