Yesaia 26:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Yehowa, wobɛbu asomdwoeɛ atɛn ama yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛn nnwuma nyinaa woayɛ ama yɛn.+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+