Asomafoɔ Nnwuma 22:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na metaa Ɛkwan yi kɔɔ owuo mu.+ Mekyekyeree mmarima ne mmaa nyinaa maa wɔde wɔn guu afiase;+ Asomafoɔ Nnwuma 26:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na metwee wɔn aso mprɛ pii wɔ hyia adan+ nyinaa mu sɛdeɛ wɔbɛka biribi de apo wɔn gyidie; na ɛsiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.
11 Na metwee wɔn aso mprɛ pii wɔ hyia adan+ nyinaa mu sɛdeɛ wɔbɛka biribi de apo wɔn gyidie; na ɛsiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.