11 na ɔbaa yɛn nkyɛn bɛfaa Paulo abɔsoɔ kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: “Sɛdeɛ honhom kronkron seɛ nie, ‘Saa kwan yi so na Yudafoɔ bɛkyekyere+ ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no wɔ Yerusalem na wɔayi+ no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa.’”
23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Meyi ano te sɛ bɔdamfoɔ, meyɛ bi kyɛn so:+ adwumaden a ɛboro soɔ mu,+ afiasenna a ɛdɔɔso mu,+ ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, na mabɛn owuo mprɛ pii.+
24 Afei meredi ahurisie wɔ amane a mehunu maa mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+
12 Yei nso nti na merehunu amane+ yi, nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Ɛfiri sɛ menim onii a magye no adie no, na mewɔ ahotɔsoɔ sɛ ɔbɛtumi akora+ deɛ magya ahyɛ ne nsa no so akɔsi sɛ da+ no bɛba.