Asomafoɔ Nnwuma 22:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Na berɛ a wɔtwee Paulo mu a wɔrebɛka no mpire no, ɔbisaa ɔsraani panin a ɔgyina hɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ moka Romani+ mpire berɛ a wɔmmuu no fɔ?” Asomafoɔ Nnwuma 23:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Yudafoɔ kyee ɔbarima yi a anka wɔreku no, nanso ntɛm ara na mede asraafoɔdɔm kɔgyee no,+ ɛfiri sɛ mehunuu sɛ ɔyɛ Romani.+
25 Na berɛ a wɔtwee Paulo mu a wɔrebɛka no mpire no, ɔbisaa ɔsraani panin a ɔgyina hɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ moka Romani+ mpire berɛ a wɔmmuu no fɔ?”
27 Yudafoɔ kyee ɔbarima yi a anka wɔreku no, nanso ntɛm ara na mede asraafoɔdɔm kɔgyee no,+ ɛfiri sɛ mehunuu sɛ ɔyɛ Romani.+