6 Nanso berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteaam kaa sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”+ Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu, na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”+
10 ɛnneɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa nhunu sɛ Nasareni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ no, ɛnam ne so na ɔbarima yi ho atɔ no a ɔgyina mo anim ha yi.