Dwom 58:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ,+Wɔte sɛ prammire a wasisi n’aso,+ Dwom 140:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wɔase wɔn kɛtrɛma ano sɛ ɔwɔ;+Ahuritia borɔ wɔ wɔn anom.+ Sela. Mateo 12:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ?+ Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+ Yakobo 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wɔntumi nnwodwo no a awuduro ahyɛ no mã.+
34 Nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ?+ Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+
8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wɔntumi nnwodwo no a awuduro ahyɛ no mã.+