11 na berɛ a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne biara no,+ deɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn atirimpɔ a ɛkyerɛ deɛ wɔnyi no no bɛkɔ so ayɛ deɛ ɛmfiri nnwuma mu, na mmom ɛbɛgyina Deɛ ɔfrɛ no soɔ nti,+
9 Wagye+ yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ+ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma+ nti, na mmom ɔno ara n’atirimpɔ ne n’adom ntira. Yei na wɔde maa yɛn Kristo Yesu mu firi teteete,+