2 Korintofoɔ 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 nokwasɛm mu, Onyankopɔn tumi mu;+ ɛnam tenenee akodeɛ+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa ne benkum so, Efesofoɔ 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ+ nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ+ no; 1 Tesalonikafoɔ 5:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea no, yɛmma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie+ ne ɔdɔ nkataboɔ+ ne nkwagyeɛ anidasoɔ+ no sɛ dadeɛ kyɛ;+
8 Nanso yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea no, yɛmma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie+ ne ɔdɔ nkataboɔ+ ne nkwagyeɛ anidasoɔ+ no sɛ dadeɛ kyɛ;+