Romafoɔ 15:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nanso ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ,+ na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ara yɛn ani.+ 1 Korintofoɔ 8:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Hwɛ, wo nimdeɛ nti, onipa a ɔyɛ mmerɛ no resɛe, wo nua a ne nti Kristo wuiɛ no.+ 1 Tesalonikafoɔ 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Berɛ korɔ no ara mu no, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa,+ monkyekyere akra a wɔabotoɔ werɛ,+ mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, monnya abodwokyɛreɛ+ mma nnipa nyinaa.
14 Berɛ korɔ no ara mu no, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa,+ monkyekyere akra a wɔabotoɔ werɛ,+ mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, monnya abodwokyɛreɛ+ mma nnipa nyinaa.