30 Bio nso wɔn a ɔhyɛɛ deɛ wɔbɛyɛ too hɔ+ no, wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na ɔbuu wɔn bem.+ Awieeɛ koraa no, wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn animuonyam.+
12 Na seesei deɛ yɛhunu nneɛma wisiwisi wɔ dadeɛ ahwehwɛ mu,+ nanso afei ɛbɛyɛ animu ne animu.+ Seesei me nimdeɛ nni mũ, nanso afei mɛnya nimdeɛ a ɛdi mu sɛdeɛ me nso wɔnim me yie no.+