10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigyeɛ ne wɔn atena daa.+ Ahurisie ne anigyeɛ na wɔn nsa bɛka, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+
14 ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ+ maa yɛn, na ɔde agye+ yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wate ɔman bi ho+ de ayɛ ɔno ara ne dea+ a wɔbɔ nnwuma pa+ ho mmɔden.
15 Ɛno nso nti na ɔyɛ apam foforɔ ntamgyinafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛsiane sɛ wawu de ayɛ agyedeɛ+ agye wɔn afiri mmarato mu wɔ kane apam+ no mu nti, wɔn a wɔafrɛ wɔn no bɛtumi anya daa nkwa agyapadeɛ ho bɔhyɛ no.+