17 Na sɛ yɛyɛ mma deɛ a, yɛyɛ adedifoɔ nso: nokorɛm no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifoɔ, ne Kristo mfɛfoɔ adedifoɔ,+ nanso gye sɛ yɛne no hunu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no animuonyam.+
24 Afei meredi ahurisie wɔ amane a mehunu maa mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+