Romafoɔ 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 ɛfiri sɛ me ho pere me sɛ mɛhu mo,+ na mama mo honhom mu akyɛdeɛ+ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo ase bɛtim; Efesofoɔ 4:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 na wɔde atenetene+ akronkronfoɔ no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua+ no, 1 Timoteo 4:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Dwendwene yeinom ho;+ fa w’akoma nyinaa si so, na ama wo nkɔsoɔ+ ada adi nnipa nyinaa anim.