Efesofoɔ 1:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 baabi a ɔkorɔn koraa sene aban ne tumi ne ahoɔden ne mpaninnie+ nyinaa, ne edin biara a wɔbɔ,+ ɛnyɛ berɛ yi mu+ nko, na mmom deɛ ɛreba+ no nso mu. Kolosefoɔ 1:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 ɛfiri sɛ ne so+ na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, tumidie, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu.+ Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no. 1 Petro 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Ɔkɔɔ ɔsoro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa;+ na wɔde abɔfoɔ+ ne atumfoɔ ne tumidifoɔ ahyɛ n’ase.+
21 baabi a ɔkorɔn koraa sene aban ne tumi ne ahoɔden ne mpaninnie+ nyinaa, ne edin biara a wɔbɔ,+ ɛnyɛ berɛ yi mu+ nko, na mmom deɛ ɛreba+ no nso mu.
16 ɛfiri sɛ ne so+ na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, tumidie, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu.+ Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no.