9 nanso berɛ a mewɔ mo nkyɛn a ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa,+ ɛfiri sɛ anuanom a wɔfiri Makedonia+ baeɛ no maa me deɛ ɛhia me biara. Nokorɛm no, manyɛ mo so adesoa wɔ biribiara mu, na mɛhwɛ sɛ merenyɛ saa.+
8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduane kwa.+ Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu,+ awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛseɛ nto mo mu biara so.+