1 Timoteo 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na bɔ atosɛm+ a ɛtia akronkronneɛ, a mmerewa ka no gu. Mmom no, fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.+ 2 Timoteo 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 na wɔbɛyi wɔn asõ afiri nokorɛ no ho, na wɔadane akɔtie atosɛm.+ Tito 1:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 na wɔantie Yudafoɔ anansesɛm+ ne ahyɛdeɛ a nnipa a wɔatwe wɔn ho afiri nokorɛ no ho+ akɔfa aba.+
7 Na bɔ atosɛm+ a ɛtia akronkronneɛ, a mmerewa ka no gu. Mmom no, fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.+