15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Si kwan so kɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima yi yɛ anwenneɛ a wɔayi no+ ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman+ ne ahemfo+ ne Israel mma nkyɛn.
6 na ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ asomfoɔ,+ ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ,+ na mmom honhom deɛ;+ ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ bu fɔ+ kɔ owuo mu, na honhom deɛ, ɛma nkwa.+