35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
22 Enti hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yam yɛ+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee aseɛ no so,+ nanso wo deɛ, Onyankopɔn yi ayamyɛ adi kyerɛ wo, berɛ dodoɔ a wotena+ n’ayamyɛ mu no; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso afiri so.+
32 Mmom no, mo ne mo ho nni no ayamyɛ+ ne ayamhyehyeɛ+ so, na momfiri mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.