11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+
25 Onyankopɔn na+ ɔbɛtumi ahyɛ mo den sɛdeɛ asɛmpa a meka ne Yesu Kristo ho asɛnka no teɛ. Saa asɛmpa yi ne ahuntasɛm kronkron+ a wɔammɔ so berɛ tenteenten no adiyie hyia;
9 Wagye+ yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ+ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma+ nti, na mmom ɔno ara n’atirimpɔ ne n’adom ntira. Yei na wɔde maa yɛn Kristo Yesu mu firi teteete,+