1 Korintofoɔ 13:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Meyɛ akɔkoaa no, mekasaa sɛ akɔkoaa, medwenee sɛ akɔkoaa, mesusuu nsɛm ho sɛ akɔkoaa; na afei a mayɛ panin+ yi, mayi nkɔkoaa su no afiri hɔ. 1 Korintofoɔ 14:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho nteaseɛ mu mmɔfra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkɔkoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.+ Efesofoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 akɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ baako wɔ gyidie ne Onyankopɔn Ba no ho nokorɛ nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyini awie+ adi mũ sɛdeɛ Kristo a ɔne susudeɛ a ɛyɛ pɛ no teɛ;+ Filipifoɔ 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, baabi a yɛanya nkɔsoɔ akɔduro no, momma yɛnkɔ so nnante pɛpɛɛpɛ+ wɔ saa kwan yi ara so. Hebrifoɔ 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwa no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ama ɛtumi hunu papa ne bɔne mu nsonsonoeɛ.+
11 Meyɛ akɔkoaa no, mekasaa sɛ akɔkoaa, medwenee sɛ akɔkoaa, mesusuu nsɛm ho sɛ akɔkoaa; na afei a mayɛ panin+ yi, mayi nkɔkoaa su no afiri hɔ.
20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho nteaseɛ mu mmɔfra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkɔkoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.+
13 akɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ baako wɔ gyidie ne Onyankopɔn Ba no ho nokorɛ nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyini awie+ adi mũ sɛdeɛ Kristo a ɔne susudeɛ a ɛyɛ pɛ no teɛ;+
16 Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, baabi a yɛanya nkɔsoɔ akɔduro no, momma yɛnkɔ so nnante pɛpɛɛpɛ+ wɔ saa kwan yi ara so.
14 Nanso aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwa no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ama ɛtumi hunu papa ne bɔne mu nsonsonoeɛ.+