18 “Yehowa honhom+ wɔ me so, ɛfiri sɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, ɔsomaa me sɛ memmɛka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifirafoɔ nhunu adeɛ, sɛ memma wɔn a wɔabubuo nne wɔn ho,+
27 Ɛno mpo no, Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufoɔ ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Israel no ka boom ampa wɔ kuro yi mu ko tiaa w’akoa kronkron+ Yesu a wosraa no no,+
38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ɔfiri Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na ɔkyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn soɔ nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+