17 Ne saa nti ɛho bɛhiaa sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” adeɛ nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panin mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔdeɛ.+
26 Anyɛ saa a anka ɛfiri wiase nhyɛaseɛ+ no ɛsɛ sɛ ɔtaa hunu amane. Nanso afei deɛ wayi ne ho adi+ prɛko+ wɔ wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ+ sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɔɔ afɔdeɛ no so bɛyi bɔne afiri hɔ.+