7 Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na asukɔtweaa ne egya+ a ɛne mogya adi afra baeɛ, na wɔto guu asase so; na asase no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ,+ na nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, na wura mono+ nyinaa hyeeɛ.
8 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na wɔtoo biribi te sɛ bepɔ+ kɛseɛ a ɛrehyeɛ too po mu.+ Na ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya;+
10 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre te sɛ kanea firi soro bɛhwee hɔ,+ na ɛhwee nsubɔnten mmiɛnsa mu baako ne nsutire so.+
12 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na awia nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne bosome nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ho kaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na emu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛduru sum+ na adekyeeɛ nkyɛmu mmiɛnsa+ mu baako annya hann na anadwo nso saa ara.
9Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na mehunuu nsoromma+ bi a ɛfiri soro abɛhwe asase so, na wɔde amena donkodonko+ no ano safoa+ maa no.
15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+