Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
64 O Onyankopɔn, tie me nne, me dadwene mu.+
Bɔ me nkwa ho ban, ɔtamfo ho hu nti.+
2 Fa me hunta firi nnebɔneyɛfoɔ atirimusɛm ho,+
Ne amumuyɔfoɔ sakasakayɛ mu;+
3 Wɔn na wɔase wɔn kɛtrɛma sɛ nkrantɛ,+
Na wɔatwe wɔn agyan, wɔn nsɛm yaya no mu,+
4 Sɛ́ wɔbɛfiri ahuntaeɛ mu ato awɔ deɛ ne ho nni asɛm.+
Wɔto wɔ no mpofirem a wɔnsuro.+
5 Kasafĩ nko ara na wɔka;+
Wɔkeka sɛ wɔbɛsum mfidie asie.+
Wɔka sɛ: “Hwan na ɔbɛhunu?”+
6 Adebɔne ara na wɔhwehwɛ;+
Wɔsum nyansafidie sie,+
Na obi nhunu wɔn mu biara tirim asɛm ne deɛ ɛwɔ n’akoma mu.+
7 Nanso Onyankopɔn de agyan bɛwɔ wɔn mpofirem.+
Ɛbɛpirapira wɔn,+
8 Wɔma nkurɔfoɔ hwe ase.+
Nanso wɔn ara wɔn anom asɛm tia wɔn.+
Obiara a ɔhu wɔn no bɛwoso ne ti,+
9 Na adasamma nyinaa bɛsuro;+
Wɔbɛka Onyankopɔn nnwuma ho asɛm,+
Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+
10 Ɔteneneeni bɛdi ahurisie Yehowa mu, na ɔde no ayɛ dwankɔbea;+
Akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhoahoa wɔn ho.+