Galatifoɔ
4 Afei deɛ meka ne sɛ berɛ tenten a ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa no, nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam;+ ɛwom sɛ ɔyɛ nneɛma nyinaa wura deɛ, 2 nanso ɔhyɛ mmɔfra so ahwɛfoɔ+ ne afiehwɛfoɔ ase kɔsi da a n’agya ahyɛ ato hɔ no. 3 Saa ara na yɛn nso, berɛ a yɛyɛ nkɔkoaa no, yɛkɔɔ so yɛɛ nkoa maa wiase mfitiasedeɛ.+ 4 Nanso berɛ a wɔahyɛ no sõeɛ+ no, Onyankopɔn somaa ne Ba+ a ɔbaa woo no+ baa mmara ase,+ 5 na ama watɔ+ wɔn a wɔwɔ mmara ase no+ de agye wɔn, na wɔagye yɛn nso ayɛ mma.+
6 Na ɛsiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba no honhom+ aba yɛn akomam, na ɛteam sɛ: “Abba, Agya!”+ 7 Enti afei deɛ wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, ɛnneɛ na wonam Onyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ+ nso.
8 Nanso berɛ a na monnim Onyankopɔn+ no, saa berɛ no na moyɛɛ nkoa maa wɔn a wɔn su mu, wɔnyɛ anyame no.+ 9 Nanso afei a moabɛhunu Onyankopɔn, anaasɛ afei a Onyankopɔn mmom ahu mo no,+ adɛn nti na moresan adane akɔ mfitiasedeɛ hunu+ a hwee nnim+ no ho pɛ sɛ moyɛ nkoa ma no bio?+ 10 Modi nna+ ne abosome+ ne mmerɛ ne mfirinhyia dendeenden. 11 Mesuro ma mo sɛ kwan bi so no, mabrɛ mo ho kwa.+
12 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me,+ ɛfiri sɛ me nso mayɛ sɛ mo pɛn.+ Moanyɛ me bɔne biara.+ 13 Nanso monim sɛ ɛnam me honam mu yareɛ so na mekaa asɛmpa no kyerɛɛ mo berɛ a ɛdi kan no.+ 14 Na deɛ ɛyɛɛ me honam mu no yɛɛ sɔhwɛ maa mo deɛ, nanso moammu me animtia na moante me so ntasuo sɛ atantanneɛ; mmom no mogyee me sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ,+ te sɛ Kristo Yesu.+ 15 Afei anigyeɛ a na mowɔ no afa he?+ Ɛfiri sɛ medi mo ho adanseɛ sɛ, sɛ na ɛbɛyɛ yie a, anka mobɛtutu mo ani mpo de ama me.+ 16 Afei nokorɛ a meka kyerɛ mo+ nti madane mo tamfo anaa?+ 17 Ɛnyɛ kwampa so na wɔn ani abere pɛ sɛ wɔnya mo,+ na mmom wɔpɛ sɛ wɔsi mo me ho kwan, na ama moadi wɔn akyi dendeenden.+ 18 Nanso ɛyɛ sɛ wɔbɛbɔ mmɔden apɛ mo kwampa+ so berɛ nyinaa, na ɛnyɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn nko,+ 19 me mma nkumaa+ a mesan te awoɔ yea ma mo kɔsi sɛ mobɛnya Kristo wɔ mo mu.+ 20 Nanso me yam a anka saa berɛ yi mewɔ mo nkyɛn+ rekasa kwan foforɔ so, ɛfiri sɛ mayɛ basaa+ wɔ mo ho.
21 Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara ase+ no, monka nkyerɛ me, monte deɛ Mmara+ no ka anaa? 22 Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔtwerɛɛ sɛ Abraham woo mma mmarima mmienu, baako yɛ afenaa ba,+ na baako yɛ ɔdehyeɛ ba;+ 23 nanso wɔwoo afenaa ba no ɔhonam so,+ na ɔdehyeɛ ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.+ 24 Wɔde yeinom nyinaa gyina hɔ ma biribi;+ ɛfiri sɛ mmaa yi gyina hɔ ma apam mmienu,+ baako firi Sinai Bepɔ+ so na ɛwo mma kɔ nkoasom mu, na ɔno ne Hagar. 25 Na Hagar yi gyina hɔ ma Sinai,+ bepɔ bi a ɛwɔ Arabia, na ɛyɛ nnɛ Yerusalem nsɛsoɔ, ɛfiri sɛ ɛne ne mma wɔ nkoasom+ mu. 26 Nanso Yerusalem+ a ɛwɔ soro no deɛ, ɛde ne ho, na ɛno ne yɛn maame.+
27 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye; ɔbaa a wonte awoɔ yea, team dendeenden; ɛfiri sɛ ɔbaa a wɔapo no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu deɛ.”+ 28 Na anuanom, yɛn deɛ, yɛyɛ bɔhyɛ mma te sɛ Isak pɛpɛɛpɛ.+ 29 Na sɛdeɛ saa berɛ no deɛ wɔnam honam kwan so woo no no firii aseɛ taa+ deɛ wɔnam honhom kwan so woo no no, saa ara na ɛteɛ nnɛ nso.+ 30 Nanso, ɛdeɛn na Twerɛsɛm no ka? “Pamo afenaa no ne ne ba no, ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no ntumi nni adeɛ.”+ 31 Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa mma,+ na mmom ɔdehyeɛ mma.+