Mateo
15 Ɛnna Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no firii Yerusalem+ baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: 2 “Adɛn nti na w’asuafoɔ no bu mpanimfoɔ atetesɛm soɔ? Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wɔrebɛdidi a wɔnhohoro wɔn nsa.”*+
3 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo nso adɛn nti na mo atetesɛm nti mobu Onyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ?+ 4 Sɛ nhwɛsoɔ no, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei ‘Ma deɛ ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+ 5 Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a anka wobɛnya ho mfasoɔ afiri me nkyɛn no yɛ akyɛdeɛ a wɔahyira so ama Onyankopɔn” no, 6 ɛnsɛ sɛ ɔdi ne papa anaa ne maame ni koraa.’+ Ɛno nti mode mo atetesɛm asɛe Onyankopɔn asɛm.+ 7 Nyaatwomfoɔ,+ ɛdi sɛ Yesaia+ hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ, 8 ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.+ 9 Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’”+ 10 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie na monte aseɛ:+ 11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ onipa anom na ɛgu ne ho fĩ, na mmom deɛ ɛfiri onipa anom ba na ɛgu ne ho fĩ.”+
12 Afei asuafoɔ no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wonim sɛ Farisifoɔ no tee deɛ wokaeɛ no, ɛtoo wɔn suntidua?”+ 13 Ɔbuaa sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.+ 14 Monnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ. Na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn mmienu nyinaa bɛhwe amena mu.”+ 15 Ɛnna Petro bua see no sɛ: “Kyerɛkyerɛ mfatoho no mu kyerɛ yɛn.”+ 16 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Enti mo nso monnya ntee aseɛ?+ 17 Monnim sɛ biribiara a ɛkɔ anomu no kɔ nsono mu na ɛfiri nipadua no mu kɔ? 18 Nanso deɛ ɛfiri anomu ba no firi akoma no mu, na saa nneɛma no na ɛgu onipa ho fĩ.+ 19 Sɛ nhwɛsoɔ no, akoma no mu na nsusuiɛ bɔne,+ awudie, awaresɛeɛ, adwamammɔ, korɔno, adansekunumu, ne abususɛm firi ba.+ 20 Yeinom ne nneɛma a ɛgu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa na ɔdidi a, ɛngu ne ho fĩ.”+
21 Afei Yesu firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtamu.+ 22 Na hwɛ! Foinikeni+ baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteaam sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ.+ Adaemone reha me babaa dodo.” 23 Nanso wanka hwee ankyerɛ no. Enti n’asuafoɔ no bɛsrɛɛ no sɛ: “Ma no nkɔ, na ɔteateam di yɛn akyi.” 24 Ɔbuaa sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn sɛ Israel fie nnwan a wɔayera no.”+ 25 Berɛ a ɔbaa no baeɛ no ɔkotoo no kaa sɛ: “Awurade, boa me!”+ 26 Ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.” 27 Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade; nanso nokwasɛm ne sɛ nkraman mma no di mporoporowaa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no.”+ 28 Afei Yesu buaa no sɛ: “O ɔbaa, wo gyidie sõ; ɛnyɛ sɛdeɛ wopɛ.” Na ɛfiri dɔn no ara mu no ne babaa no ho tɔɔ no.+
29 Yesu firii hɔ no, ɔbaa Galilea po ho,+ na berɛ a ɔforoo bepɔ no,+ ɔtenaa ase. 30 Ɛnna nnipakuo pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifirafoɔ, mum, ne afoforɔ pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase maa no saa wɔn yareɛ;+ 31 afei berɛ a nnipa no hunuu sɛ mum rekasa na mpakye renanteɛ na anifirafoɔ hunu adeɛ no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.+
32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn na ɔkaa sɛ:+ “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ nnansa nie na wɔatena me nkyɛn, na wɔnni hwee a wɔbɛdie; mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akorɔ. Anhwɛ a na wɔakɔtwitwa ahwe kwan so.” 33 Nanso asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na yɛbɛkɔ akɔnya paanoo a ɛdɔɔso a ɛbɛmee nnipakuo a ɛte sei wɔ serɛ yi so ha?”+ 34 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Wɔkaa sɛ: “Nson, ne mpataa nketewa kakraa bi.” 35 Enti, ɔka maa nnipadɔm no tenatenaa fam, 36 na afei ɔfaa paanoo nson ne mpataa no, na ɔdaa ase wieeɛ no, ɔbubuu mu firii aseɛ kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipa no.+ 37 Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔsesaa aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn nson mãmã.+ 38 Na wɔn a wɔdii bie no yɛ mmarima mpemnan, mmaa ne mmɔfra nkumaa nka ho. 39 Afei ɔmaa nnipadɔm no kɔeɛ, na ɔtenaa kodoɔ no mu baa Magadan mpɔtamu.+