1 Timoteo
6 Ma nkoa dodoɔ a wɔwɔ kɔndua ase no nkɔ so mmu wɔn wuranom sɛ wɔfata anidie+ a ɛdi mũ, na amma wɔankeka Onyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho nsɛmmɔne.+ 2 Bio nso, mma wɔn a wɔwɔ awuranom+ agyidifoɔ no mmmu wɔn animtia+ ɛsiane sɛ wɔyɛ anuanom+ nti. Mmom no, wɔnyi wɔn yam nsom, ɛfiri sɛ wɔn a wɔnya wɔn adwuma pa so mfasoɔ no yɛ agyidifoɔ ne adɔfo.
Kɔ so kyerɛkyerɛ yeinom+ na fa afotuo yi ma. 3 Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ+ na wannye yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ papa+ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛfata onyamesom pa+ antom a, 4 wama ne ho so,+ ɔnte hwee ase,+ na akyinnyegyeɛ ne nsɛm ho mansotwe+ asɛe n’adwene.+ Deɛ ɛfiri mu ba ne anibereɛ,+ ntawantawadie, kasatia,+ nnipa ho adwemmɔne, 5 nneɛma a ɛho nhia ho manso a nnipa a wɔn adwene asɛe+ na nokorɛ+ abɔ wɔn tweɛ, na wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adeɛ a wɔde pɛ mfasoɔ.+ 6 Nokwasɛm nie, mfasoɔ+ kɛseɛ wɔ onyamesom pa+ ne deɛ obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so.+ 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+ 8 Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.+
9 Nanso, wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no hwe sɔhwɛ+ ne fidie ne nkwasea akɔnnɔ+ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.+ 10 Na sikanibereɛ+ yɛ bɔne nyinaa+ nhini,+ na ebinom adi akyire ama wɔayera afiri gyidie no ho de yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+
11 Nanso wo, Onyankopɔn nipa deɛ, dwane firi yeinom ho.+ Mmom no, di adetenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ, ne ɔdwoɔ+ honhom akyi. 12 Ko gyidie+ ko pa no, sɔ daa nkwa a enti wɔfrɛɛ woɔ a wode ho badwam mpaemuka+ pa maa wɔ adansefoɔ pii anim no mu dendeenden.
13 Megyina Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu, ɔdanseni+ a ɔgyinaa Pontio Pilato anim+ de mpaemuka+ pa maeɛ, no anim hyɛ wo+ 14 sɛ di ahyɛdeɛ no so a womma nkekaeɛ anaa asɛm biara mma ho kɔsi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyie+ mu. 15 Saa ahoyie yi na Ɔberempɔn+ koro pɛ a ɔwɔ anigyeɛ no bɛda no adi wɔ mmerɛ a wɔahyɛ+ mu, deɛ ɔyɛ ahemfo mu Hene+ ne awuranom mu Awurade+ no, 16 deɛ ɔno nko ara wɔ nkwa a owuo nnim,+ na ɔte hann+ a wɔntumi mmɛn ho mu, deɛ onipa baako mpo nhunuu no da na obiara ntumi nhu no no.+ Ɔno na anidie+ ne daa tumi wɔ no. Amen.
17 Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefoɔ+ wɔ wiase yi mu sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm,+ nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ+ a ɛnni nnyinasoɔ so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn a ɔma yɛn adeɛ nyinaa ma no bu soɔ ma yɛn ani gyeɛ no so;+ 18 wɔnyɛ papa,+ wɔnyɛ adefoɔ nnwuma pa+ mu, wɔmmue wɔn nsam, na wɔnkyɛ adeɛ,+ 19 na wɔnto fapem+ pa nsie+ yie mma daakye, na ama wɔatumi asɔ nkwa paa no mu dendeenden.+
20 O Timoteo, bɔ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban,+ na po nsɛnhunu a ɛtia akronkronneɛ ne akyinnyeɛ a ɛfa deɛ wɔdi atorɔ frɛ no “nimdeɛ” ho no.+ 21 Saa nimdeɛ no a ebinom de tuu wɔn ho no ama wɔamane afiri gyidie+ no ho.
Adom nka mo.