Yesaia
56 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee+ na monyɛ adetenenee.+ Berɛ asõ sɛ mede me nkwagyeɛ ba+ na meyi me tenenee adie.+ 2 Onipa a ɔbɛdi yeinom soɔ,+ ɔdasani a ɔbɛkura mu dendeenden,+ na wadi homeda a ɔngu ho fĩ,+ akora ne nsa a ɔrenyɛ bɔne+ no ani bɛgye. 3 Mma ɔhɔhoɔ a waba Yehowa nkyɛn no nnka sɛ,+ ‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛyi me afiri ne nkurɔfoɔ mu.’+ Na mma ayitotoni+ nnka sɛ, ‘Hwɛ, meyɛ duawuiɛ.’”
4 Deɛ Yehowa aka akyerɛ ayitotofoɔ a wɔdi me homeda na wɔayi deɛ mepɛ+ na wɔkura m’apam mu nie:+ 5 “Mɛma wɔn nkaeɛdum+ ne edin+ wɔ me fie+ ne m’afasuo mu, deɛ ɛsene mma mmarima ne mma mmaa.+ Mɛma wɔn edin a ɛwɔ hɔ daa+ a wɔrentwa ntwene.+
6 “Na ahɔhoɔ a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no+ na wɔadɔ Yehowa din,+ na wɔayɛ n’asomfoɔ, wɔn a wɔdi homeda a wɔngu ho fĩ na wɔkura m’apam mu nyinaa no,+ 7 me nso mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron so+ na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.+ Wɔbɛgye wɔn hyeɛ afɔrebɔdeɛ+ ne wɔn ayɛyɛdeɛ+ nyinaa wɔ m’afɔrebukyia so.+ Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+
8 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfoɔ a wɔahweteɛ ano+ no aka nie: “Mɛboaboa nnipa foforɔ ano aka ne nkurɔfoɔ a maboaboa wɔn ano dada no ho ama no.”+
9 Wuram mmoa nyinaa, kwaeɛ mu mmoa nyinaa, mommra mmɛdidi.+ 10 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ.+ Wɔn mu biara nnim deɛ ɛrekɔ soɔ.+ Wɔn nyinaa yɛ nkraman mum; wɔntumi mpɔ so,+ wɔhome hahyeehahyee, wɔdeda hɔ, na wɔpɛ nkotɔ.+ 11 Wɔyɛ nkraman adufudepɛfoɔ;+ wɔnnim ɔmeeɛ.+ Na wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nhunumu.+ Wɔn nyinaa afa wɔn ara wɔn kwan so, na obiara pɛ mfaso bɔne wɔ ɔno ara n’asase so:+ 12 “Mommra! Momma memfa bobesa kakra mmra, na momma yɛnwe mmosã.+ Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛyɛ kɛseɛ aboro so.”+