1 Petro
5 Enti mpanimfoɔ a wɔwɔ mo mu no nso, ɛsiane sɛ meyɛ ɔpanin+ te sɛ wɔn, ne Kristo amanehunu ho danseni,+ na mewɔ kyɛfa wɔ animuonyam a wɔrebɛyi no adie+ mu nti, metu wɔn fo sɛ: 2 Monyɛn+ Onyankopɔn nnwankuo+ a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom momfiri mo pɛ mu;+ ɛnyɛ adufudepɛ nso nti,+ na mmom anigyeɛ so; 3 ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn agyapadeɛ+ so bakoma,+ na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.+ 4 Na sɛ wɔda odwanhwɛfoɔ panin+ no adi a, moanya animuonyam abotire+ a ɛnsɛe da.+
5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+
6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so berɛ a ɛsɛ mu;+ 7 na monto mo dadwene+ nyinaa ngu ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.+ 8 Mo ani nna hɔ, monwɛn.+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.+ 9 Nanso momfa gyidie nnyina hɔ pintinn ne no nni asie,+ berɛ a monim sɛ amanehunu korɔ no ara na wɔde ba mo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa soɔ no.+ 10 Na sɛ mohunu amane kakra a,+ adom nyinaa Nyankopɔn a ɔfrɛɛ mo baa ne daa animuonyam mu+ wɔ Kristo mu+ no ara bɛwie mo nteteeɛ, ɔbɛma mo ase atim,+ ɔbɛma moayɛ den.+ 11 Ɔno na tumi+ wɔ no daa. Amen.
12 Menam onua a mebu no nokwafoɔ, Silwano,+ so atwerɛ mo nsɛm kakraa bi+ a mede bɛhyɛ mo nkuran adi mo adanseɛ dendeenden sɛ yei paa ne Onyankopɔn adom no; ɛno mu na monnyina pintinn.+ 13 Deɛ ɔwɔ Babilon+ a wɔayi no sɛ mo ara no kyea mo, na saa ara na me ba Marko+ nso kyea mo. 14 Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho.+
Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.+