Mateo
21 Afei berɛ a wɔbɛn Yerusalem na wɔduruu Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ soɔ no, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsi kwan so nkɔ akuraa a mohunu yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu bi a wɔamantam no ne afunumu ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me.+ 3 Na sɛ obi bisa ho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”
4 Nokorɛm no, yei siiɛ na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: 5 “Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ, ‘Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn,+ ɔdwo,+ na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nneɛma so.’”+
6 Enti asuafoɔ no siim kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 7 Na wɔde afunumu ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ ngugusoɔ guu wɔn so na ɔtenaa so.+ 8 Nnipakuo no mu dodoɔ no ara de wɔn ntadeɛ ngugusoɔ+ sesɛɛ kwan mu, na ebinom nso twitwaa nnua mman de guu kwan mu.+ 9 Na nnipakuo no, wɔn a wɔdi n’anim ne wɔn a wɔdi n’akyi no, kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no,+ Dawid Ba!+ Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!+ Gye no, yɛsrɛ wo, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+
10 Afei berɛ a ɔduruu Yerusalem no,+ kuro mũ no nyinaa mu yɛɛ gyegyeegye sɛ: “Hwan nie?” 11 Nnipakuo no kekaa sɛ: “Oyi ne odiyifoɔ+ Yesu a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no!”
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ adeɛ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafoɔ no apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkonnwa butubutuiɛ.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, moredane no adwotwafoɔ atɛeɛ.”+ 14 Na anifirafoɔ ne mpakye nso baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yareɛ.
15 Berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ+ ne mmarimaa a wɔreteateam wɔ asɔrefie hɔ sɛ: “Gye no, yɛsrɛ wo,+ Dawid Ba!”+ no, wɔn bo fuiɛ 16 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wote deɛ yeinom reka yi?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aane. Adɛn, monkenkanee+ sɛ ‘Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ anom na woasiesie ayeyie’?”+ 17 Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania na ɔdaa hɔ.+
18 Anɔpa a ɔresan aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no.+ 19 Na n’ani bɔɔ borɔdɔma dua bi so wɔ kwan ho na ɔkɔɔ ho, nanso wanhunu hwee wɔ so+ sɛ ahahan nko ara, na ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Worenso aba bio da.”+ Na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara. 20 Afei berɛ a asuafoɔ no hunuu yei no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa maa wɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara yi?”+ 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a,+ anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ.+ 22 Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.”+
23 Afei berɛ a ɔkɔɔ asɔrefie hɔ na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ:+ “Tumi bɛn na wode yɛ yeinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede yɛ yeinom akyerɛ mo:+ 25 Tumi a Yohane de bɔɔ asu no firi he? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?”+ Na wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie?’+ 26 Nanso sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, yɛsuro deɛ nnipakuo no bɛyɛ,+ ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.”+ 27 Enti wɔbuaa Yesu sɛ: “Yɛnnim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso merenka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ mo.+
28 “Modwene ho sɛn? Na ɔbarima bi wɔ mma mmienu.+ Ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Ɔba, kɔ bobeturo no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ 29 Ɔbuaa sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’+ nanso wankɔ. 30 Ɔkɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu no nkyɛn kɔkaa saa ara. Ɔyii no ano sɛ, ‘Merenkɔ.’ Ɛno akyi no ɔnuu ne ho+ na ɔkɔeɛ. 31 Wɔn mmienu no mu hwan na ɔyɛɛ deɛ ne papa pɛ?”+ Wɔkaa sɛ: “Deɛ ɔtwa toɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ togyefoɔ ne nnwamanfoɔ redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahennie mu. 32 Na Yohane baa mo nkyɛn tenenee+ kwan so, nanso moannye no anni.+ Na togyefoɔ ne nnwamanfoɔ no gyee no diiɛ,+ na mo, mohunuu yei deɛ, nanso moannu mo ho annye no anni.
33 “Montie mfatoho foforɔ: “Efiewura+ bi yɛɛ bobeturo gyee ho ban, na ɔtuu nsã-kyi-amena wom, na ɔtoo aban+ na ɔde gyaa akuafoɔ tuu kwan.+ 34 Berɛ a ɛsoo aba no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye ne deɛ mmra. 35 Nanso akuafoɔ no faa ne nkoa no, na wɔboroo wɔn mu baako, kum baako, na wɔsii baako aboɔ.+ 36 Ɔsan somaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.+ 37 Awieeɛ koraa, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 38 Berɛ a akuafoɔ no hunuu ɔba no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifoɔ no;+ mommra mma yɛnku no na yɛmfa n’agyapadeɛ!’+ 39 Ɛnna wɔkyee no na wɔpamoo no firii bobeturo no mu kɔkum no.+ 40 Enti sɛ bobeturo wura no ba a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔyɛ nnipa bɔne nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa+ na wagye bobeturo no ama akuafoɔ foforɔ a sɛ ɛso aba a wɔde bɛma no.”+
42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkanee wɔ Twerɛnsɛm no mu sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ+ no ne deɛ abɛyɛ tweatiboɔ.+ Yehowa hɔ na yei fire, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’? 43 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn ahennie afiri mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛso aba.+ 44 Afei nso obi a ɔbɛhwe boɔ yi soɔ no bɛbubu pasapasa. Na obiara a ɛbɛhwe ne soɔ no, ɛbɛyam no.”+
45 Afei berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mfatoho no, wɔhunuu sɛ ɔreka wɔn ho asɛm.+ 46 Na ɛwom sɛ na wɔrehwehwɛ kwan bi afa so akye no deɛ, nanso na wɔsuro nnipakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.+