2 Korintofoɔ
7 Adɔfo, ɛsiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ+ ahodoɔ yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho+ mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahoteɛ adi mũ Onyankopɔn suro+ mu.
2 Mommue kwan mma yɛn.+ Yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛmpɛɛ obiara ho mfasoɔ.+ 3 Ɛnyɛ sɛ mereka yei de abu mo fɔ, ɛfiri sɛ maka dada sɛ moda yɛn akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo ne yɛn bɛwu na mo ne yɛn atena nkwa mu.+ 4 Metumi ne mo kasa ahotɔsoɔ mu. Mede mo hoahoa me ho pii.+ Awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma,+ na m’anigyeɛ aboro so yɛn ahohia nyinaa mu.+
5 Nokorɛm no, berɛ a yɛbaa Makedonia+ no, yɛn honam annya home,+ na mmom yɛn ho hiaa yɛn+ akwan nyinaa so—ntɔkwa twaa yɛn ho hyiaeɛ, na ehu tenaa yɛn mu. 6 Nanso Onyankopɔn a ɔkyekyere wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ werɛ+ no nam Tito mmaeɛ no so kyekyeree yɛn werɛ; 7 na ɛnyɛ ne mmaeɛ no nko, na mmom mo ho awerɛkyekyerɛ a ɔnyaeɛ berɛ a ɔsan bɛkaa+ sɛdeɛ mo ani agyina, na mo werɛ ahoɔ na moku mo ho ma me no, ɛmaa m’ani gyee bebree.
8 Enti sɛ mede me krataa no hoo mo werɛ+ mpo a, menni ho yea. Medii ho yea mfitiaseɛ no, (ɛfiri sɛ mehunu sɛ krataa no hoo mo werɛ, ɛwom sɛ ɛyɛ berɛ tiaa bi deɛ) 9 nanso seesei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ hoeɛ ntira, na mmom sɛ mo werɛ ho kɔɔ adwensakra+ mu ntira; ɛfiri sɛ mo werɛ hoo Nyankopɔn kwan so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nti asɛmmɔne biara rento mo biribiara mu. 10 Na Onyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakra a ɛkɔ nkwagyeɛ mu a ɛnsɛ sɛ obi nu ne ho wɔ ho;+ nanso wiase awerɛhoɔ de owuo ba.+ 11 Hwɛ sɛdeɛ mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ+ yi maa mokekaa mo ho, hwɛ sɛdeɛ ayi asodie afiri mo soɔ; hwɛ, ɛde abufuo baeɛ; hwɛ, ɛde ehu baeɛ; hwɛ, ɛde anigyina baeɛ; hwɛ, ɛde nsiyɛ baeɛ; hwɛ, ɛdii mfomsoɔ ho dwuma!+ Modaa mo ho adi akwan nyinaa so sɛ mo ho te asɛm yi mu. 12 Enti metwerɛɛ mo deɛ, nanso ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne+ no anaa deɛ wɔyɛɛ no bɔne no nti na meyɛɛ saa, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmɔden a mobɔ wɔ yɛn ho no bɛda adi mo mu wɔ Onyankopɔn anim. 13 Yei nti na yɛn werɛ akyekyerɛ.
Nanso, yɛn awerɛkyekyerɛ akyi no, deɛ ɛmaa yɛn ani gye boroo so koraa ne Tito anigyeɛ no, ɛfiri sɛ mo nyinaa moama n’akoma atɔ ne yam.+ 14 Na sɛ mede mo hoahoaa me ho kyerɛɛ no a, m’ani anwu; mmom no, ɛsiane sɛ yɛkaa biribiara kyerɛɛ mo nokorɛ mu nti, saa ara na abɛda adi sɛ yɛn ho a yɛhoahoaa+ no Tito anim no nso yɛ nokorɛ. 15 Bio nso, ɔwɔ atenka a ɛboro soɔ ma mo na ɔkae mo nyinaa setie,+ sɛdeɛ mode osuro ne ahopopoɔ gyee no no. 16 M’ani agye sɛ mo nti mewɔ akokoɔduro wɔ adeɛ nyinaa mu.+