Adiyisɛm
17 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura nkuruwa nson+ no baako ba ne me bɛkasaa sɛ: “Bra ma menkyerɛ wo odwamanfoɔ+ kɛseɛ a ɔte nsuo+ pii soɔ no atemmuo; 2 ɔno na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman,+ na n’adwamammɔ nsã no ama wɔn a wɔtete asase soɔ no abobo.”+
3 Na wɔnam honhom+ no tumi so de me kɔɔ serɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte akekaboa+ kɔkɔɔ a abusudin+ ayɛ no mã a ɔwɔ tire nson+ ne mmɛn du soɔ. 4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne atade kɔkɔɔ,+ na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa+ ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa+ a akyiwadeɛ+ ne n’adwamammɔ atantanneɛ+ ayɛ no mã wɔ ne nsam. 5 Na wɔatwerɛ din bi wɔ ne moma so a ɛyɛ ahuntasɛm sɛ:+ “Babilon Kɛseɛ, nnwamanfoɔ+ ne asase so akyiwadeɛ+ nã.” 6 Na mehunuu sɛ akronkronfoɔ mogya+ ne Yesu adansefoɔ mogya+ ama ɔbaa no abo.
Berɛ a m’ani bɔɔ ne soɔ no, me ho dwirii me paa.+ 7 Enti ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wo ho adwiri woɔ? Mɛka ɔbaa+ no ne aboa a ɔbaa no te ne so a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du+ no ho ahuntasɛm akyerɛ wo: 8 Aboa a wohunuu no no, na ɔwɔ hɔ,+ nanso ɔnni hɔ, na ɔrebɛfiri amena donkodonko+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛeɛ mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asase soɔ no hunu sɛdeɛ na aboa no wɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔbɛba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa pii, nanso wɔntwerɛɛ wɔn din wɔ nkwa nwoma+ no mu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.+
9 “Ɛha na adwene a nyansa wom ba asɛm no mu:+ Etire nson+ no yɛ mmepɔ+ nson a ɔbaa no te soɔ no. 10 Na wɔyɛ ahemfo nson: nnum ahwe ase,+ baako wɔ hɔ,+ ɔfoforɔ no nnya mmaeɛ,+ nanso sɛ ɔnya ba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.+ 11 Na aboa a na ɔwɔ hɔ nanso ɔnni hɔ no,+ ɔno ara ne ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu na ɛbaeɛ, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.
12 “Na mmɛn du a wohunuiɛ no yɛ ahemfo du+ a wɔnnya nnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no nya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako. 13 Yeinom kura adwenkorɔ, enti wɔde wɔn tumi ne ahoɔden ma aboa no.+ 14 Yeinom ne Adwammaa+ no bɛko, nanso ɛsiane sɛ Adwammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene nti,+ ɔbɛdi wɔn so nkonim.+ Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi no nokorɛ no nso bɛdi nkonim.”+
15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo a wohunuiɛ no, baabi a odwamanfoɔ no teɛ no, yɛ nkurɔfoɔ ne nnipakuo ne aman ne kasa hodoɔ.+ 16 Na mmɛn du+ a wohunuiɛ no, ne afei aboa+ no, yeinom bɛtan odwamanfoɔ+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama no ada adagya, na wɔbɛdi ne nam na wɔde gya ahye no pasaa.+ 17 Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn akomam sɛ wɔmma ne nsusuiɛ mmra mu,+ kyerɛ sɛ, wɔnyɛ adwenkorɔ mfa wɔn ahennie mma aboa+ no nkɔsi sɛ Onyankopɔn nsɛm bɛba mu.+ 18 Na ɔbaa+ a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛwɔ ahennie a ɛdi asase so ahemfo soɔ no.”+