NWOMA A ƐTƆ SO NNUM
(Nnwom 107 – 150)
107 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.+
2 Momma wɔn a Yehowa agye wɔn no nka saa;+
Wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfo nsam no,+
3 Wɔn a waboaboa wɔn ano afiri nsase no soɔ,+
Ɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ,+
Atifi ne anafoɔ.+
4 Wɔkyinkyinii serɛ so,+ kwaweɛ so;+
Wɔanhunu kwan a ɛde wɔn bɛkɔ kuro a wɔbɛtena soɔ no mu.+
5 Ɛkɔm dee wɔn, na sukɔm nso dee wɔn;+
Wɔn kra totɔɔ piti.+
6 Wɔn ahohia mu, wɔsu frɛɛ Yehowa mprɛ pii;+
Na ɔgyee wɔn firii ahokyerɛ no mu,+
7 Ɔde wɔn faa kwantenenee so,+
Na ama wɔatumi akɔ kuro a wɔbɛtena soɔ no mu.+
8 Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔeɛ+
Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+
9 Wama ɔkra a sukɔm de no amee;+
Na ɔde nnepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma.+
10 Wɔtenatenaa esum ne esum kabii mu,+
Wɔyɛɛ nneduafoɔ a wɔwɔ amanehunu ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.+
11 Ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn asɛm+ so atua;+
Na wɔbuu Ɔsorosoroni no afotuo animtia.+
12 Enti ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase;+
Wɔhwee ase na wɔannya boafoɔ biara.+
13 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+
Na ɔsan gyee wɔn firii ahokyerɛ mu bio.+
14 Ɔyii wɔn firii esum ne esum kabii mu;+
Ɔtetee nhoma a ɛkyekyere wɔn no mu.+
15 Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔeɛ+
Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+
16 Wabubu kɔbere apono,+
Na watwitwa adaban mu.+
17 Wɔn a wɔn mmarato ne wɔn mfomsoɔ nti
Wɔbɛyɛɛ nkwaseafoɔ no,+ amanehunu na wɔde baa wɔn ho soɔ,+
18 Wɔn kra kyirii aduane biara,+
Na wɔbɛnee owuo apono ano.+
19 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+
Na ɔsan gyee wɔn firii ahokyerɛ no mu bio.+
20 Ɔkasa maa wɔnyaa ayaresa+
De gyee wɔn firii amena mu.+
21 Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔeɛ+
Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+
22 Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ+
Na wɔmfa ahurisie nka ne nnwuma ho asɛm.+
23 Wɔn a wɔde ahyɛn kɔ po soɔ+
A wɔyɛ adwuma wɔ nsuo akɛseɛ soɔ no,+
24 Wɔn na wɔahunu Yehowa nnwuma+
Ne n’anwanwadwuma wɔ subunu mu;+
25 Sɛdeɛ ɔkasa ma ahum tuo+
Na asorɔkye bɔ no.+
26 Wɔkɔ sorosoro,
Na wɔsiane ba fam.
Ahohia no nti wɔn kra nane.+
27 Wɔtɔ ntintan sɛ ɔsabofoɔ,+
Na wɔn nyansa nyinaa tu yera.+
28 Ɛba saa a wɔsu frɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+
Na ɔgye wɔn firi ahokyerɛ mu.+
29 Ɔma ahum no yɛ dinn,+
Na po asorɔkye no yɛ komm.+
30 Wɔdi ahurisie sɛ ayɛ komm,
Na ɔde wɔn kɔ bea a wɔpɛ sɛ wɔkorɔ no ma wɔn ani gye.+
31 Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔeɛ+
Ne anwanwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+
32 Wɔnkamfo no asafo ahyiaeɛ mu;+
Wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ adwabɔ mu.+
33 Ɔma nsubɔnten dane serɛ so,+
Na nsutire dane kwaweɛ,+
34 Ɔma asase pa dane nkyene kuro,+
Wɔn a wɔtete hɔ no bɔne nti.
35 Ɔma serɛ so dane tadeɛ,+
Na kwaweɛ dane nsutire.+
36 Ɛhɔ na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn tena,+
Na ama wɔakyekyere kuro atena mu.+
37 Wɔyɛ mfuo, na wɔyeyɛ bobe nturo,+
Na ama wɔanya nnɔbaeɛ pii.+
38 Ɔhyira wɔn ma wɔdɔɔso bebree;+
Na ɔmma wɔn afieboa dodoɔ so nte.+
39 Nanso nhyɛsoɔ ne ɔhaw ne awerɛhoɔ nti,+
Wɔn dodoɔ so te na wɔbrɛ wɔn ase bio.+
40 Ɔde animtiabuo gu atitire so,+
Na ɔma wɔkyinkyini kwaweɛ so, baabi a ɛkwan nnie.+
41 Nanso ɔbɔ ohiani ho ban firi amanehunu mu,+
Na ɔma no yɛ mmusua sɛ nnwankuo.+
42 Ateneneefoɔ bɛhunu na wɔadi ahurisie;+
Na amumuyɔfoɔ deɛ, wɔn nyinaa bɛka wɔn ano atom.+
43 Hwan ne onyansafoɔ? Ɔde nneɛma yi bɛto ne tirim,+
Na wadwendwene Yehowa adɔeɛ nnwuma ho.+