Yesaia
61 Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+ ɛfiri sɛ Yehowa asra me+ sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefoɔ.+ Wasoma me sɛ memmɛkyekyere akoma a abubuo,+ na menka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ nnommum,+ na memmue nneduafoɔ ani.+ 2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa anisɔ afe+ ne yɛn Nyankopɔn aweredi da;+ na menkyekyere wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ;+ 3 wasoma me sɛ memfa abotire mma wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhoɔ no mfa nsi nsõ ananmu,+ ahurisie ngo+ nsi awerɛhoɔ ananmu, ayeyie atadeɛ nsi abasamtuo honhom ananmu.+ Na wɔbɛfrɛ wɔn tenenee nnua akɛseɛ,+ deɛ Yehowa no ara atɛ+ sɛ ɔde bɛhyɛ ne ho animuonyam.+ 4 Wɔbɛsan akyekyere mmeaeɛ a adane amamfõ no bio+ na wɔama tete nkuro a asɛeɛ no so agyina.+ Wɔbɛma nkuro a asɛeɛ, mmeaeɛ a ada mpan awoɔ ntoatoasoɔ pii mu, ayɛ foforɔ.+
5 “Ahɔhoɔ bɛba abɛhwɛ mo nnwan+ na ananafoɔ+ ahwɛ mo mfuo ne mo bobe nturo so.+ 6 Mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfoɔ+ na wɔabɔ mo din+ sɛ yɛn Nyankopɔn asomfoɔ.+ Mobɛdi amanaman ahodeɛ+ na mode wɔn animuonyam ahoahoa mo ho.+ 7 Mo aniwuo ananmu, mobɛnya kyɛfa mmɔho;+ na animguaseɛ ananmu, wɔbɛdi wɔn kyɛfa ho ahurisie.+ Enti wɔbɛnya agyapadeɛ mmɔho wɔ wɔn asase so.+ Na wɔbɛdi ahurisie daa.+ 8 Me Yehowa, medɔ atɛntenenee,+ na mekyiri dwotwa ne amumuyɔ.+ Mɛtua wɔn ka nokorɛ mu+ na me ne wɔn ayɛ daa apam.+ 9 Wɔbɛhunu wɔn mma amanaman mu,+ ne wɔn asefoɔ aman mu. Na obiara a n’ani bɛbɔ wɔn soɔ no bɛhunu+ sɛ wɔyɛ mma a Yehowa ahyira wɔn.”+
10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+ 11 Na sɛdeɛ asase so afifideɛ fefɛ, na turo mu nneɛma a wɔadua fifi no,+ saa ara na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛma tenenee+ ne ayeyie afifiri aman nyinaa anim.+