1 Yohane
5 Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no,+ na obiara a ɔdɔ deɛ wawo no no, ɔdɔ deɛ onii no awo no no.+ 2 Deɛ ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ+ Onyankopɔn mma+ ne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi n’ahyɛdeɛ soɔ.+ 3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ den,+ 4 ɛfiri sɛ biribiara a Onyankopɔn awoɔ+ no di wiase so nkonim.+ Na deɛ adi wiase so nkonim+ ne yɛn gyidie.+
5 Hwan ne deɛ wadi wiase+ so nkonim+ sɛ deɛ ɔgye di+ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no?+ 6 Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ no, Yesu Kristo; ɛnyɛ nsuo+ nko ara so, na mmom nsuo ne mogya+ so. Na honhom+ na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no. 7 Na mmiɛnsa na ɛdi adanseɛ, 8 honhom+ ne nsuo+ ne mogya,+ na mmiɛnsa yi yɛ baako.+
9 Sɛ yɛgye adanseɛ a nnipa de ma+ a, adanseɛ a Onyankopɔn de ma kyɛn no, ɛfiri sɛ adanseɛ a Onyankopɔn de ma ne nokwasɛm a ɛne sɛ wadi ne Ba no ho adanseɛ.+ 10 Deɛ ɔgye Onyankopɔn Ba no die no ara nya adanseɛ+ no. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no ayɛ ɔtorofoɔ,+ ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn, sɛ ɔdanseni+ no, adi+ wɔ ne Ba no ho no anni. 11 Na yei ne adanseɛ a wɔde ama no, sɛ Onyankopɔn maa yɛn daa nkwa,+ na nkwa yi wɔ ne Ba no mu.+ 12 Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ nkwa; deɛ ɔnni Ɔba no nni nkwa.+
13 Meretwerɛ yeinom abrɛ mo a mogye Onyankopɔn Ba no din die+ no na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa.+ 14 Ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ no, ɔtie yɛn.+ 15 Bio nso, sɛ yɛnim sɛ ɔtie biribiara a yɛbisa no a,+ yɛnim sɛ yɛn nsa bɛka deɛ yɛabisa no, ɛfiri sɛ yɛabisa afiri ne hɔ.+
16 Sɛ obi hunu sɛ ne nua reyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu+ a, ɔmmisa na ɔbɛma no nkwa,+ aane, ɔde bɛma wɔn a wɔnyɛ bɔne a ɛkɔ owuo mu+ no. Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owuo mu. Saa bɔne yi ho deɛ, menka sɛ ɔmmisa.+ 17 Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne;+ nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owuo mu.
18 Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no+ no ntena bɔne mu, mmom Deɛ+ Onyankopɔn awo no no hwɛ ne so, na ɔbɔnefoɔ no ntumi nsɔ ne mu.+ 19 Yɛnim sɛ yɛfiri Onyankopɔn,+ nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.+ 20 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene+ a yɛtumi de nya ɔnokwafoɔ no ho nimdeɛ.+ Yɛne ɔnokwafoɔ no ayɛ baako+ nam ne Ba Yesu Kristo so. Yei ne nokorɛ+ Nyankopɔn ne daa nkwa+ no. 21 Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yie wɔ ahoni ho.+