Hiob
3 Anka ɔbɛkoto asrɛ wo pii?
Anaasɛ ɔne wo bɛkasa bɔkɔɔ?
4 Ɔne wo bɛyɛ apam
Sɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?
5 Wo ne no bɛdi agorɔ sɛ anomaa?
Anaasɛ wobɛmantam no de agyegye wo mma mmaa ani?
6 Abatafoɔ de no bɛdi nsesadwa?
Adwadifoɔ bɛsi no koso?
8 Fa wo nsa to ne so hwɛ.
Kae ntɔkwa no. Anka worenyɛ saa bio.
9 Hwɛ! Ne ho anidasoɔ bɛma nipa nsa asi fam.
Onipa ani bɔ ne so kɛkɛ a, ɔbɛtwa ahwe.
12 Merennyae ne honam
Ne ne kɛseyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ ho asɛm ka,
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho?
N’anom nso, hwan na ɔbɛwura mu?
14 N’anom apono, hwan na ɔbɛtumi abue?
Ne sẽ a ayɛ n’anom ma no yɛ hu.
15 Abena a ɛwɔ ne ho ma no yɛ ahantan,
Akeka amiamia so te sɛ adeɛ a wɔasɔ ano dendeenden.
16 Ɛfemfam so papee,
Na mframa mpo mfa mu.
17 Ɛtetare so dendeenden;
Ɛdi nsosɔmu, na emu ntumi ntete.
18 Ne nwansi pa gya,
Na n’ani te sɛ adekyeeɛ hann.
19 N’anom pa yerɛwyerɛw,
Na ɛtete gya mpo.
20 Wisie firi ne hwene mu ba
Te sɛ fononoo a wɔde sakran asɔ mu gya.
21 Ne home sɔ nsramma,
Na egya mpo firi n’anom ba.
22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,
Na akomatuo huri wɔ n’anim.
23 Ne honam abubu agu so;
Ayɛ sɛ dadeɛ a wɔaguo, na ɛtim hɔ pintinn.
24 N’akoma te sɛ ɛboɔ a wɔatwa.
Ɛte sɛ oyuyammoɔ a wɔatwa.
31 Ɔma ebunu mu huru sɛ kukuo;
Ɔma ɛpo yɛ sɛ sradehwam kukuo.
32 Ɔma kwan mu hyerɛn wɔ n’akyi;
Ɔma nipa hunu subunu sɛ dwono.
33 Asase so nso, biribi nte sɛ ɔno;
Ɔno na wɔyɛɛ no sɛ ɔnnsuro hwee.
34 Adeɛ wɔ soro sɛ deɛn koraa a, ɔhunu.
Ɔno ne wuram mmoa akɛseɛ nyinaa hene.”