Mateo
20 “Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi, efiewura bi a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔhwehwɛ apaafoɔ akɔ ne bobeturo mu.+ 2 Berɛ a ɔne adwumayɛfoɔ no ka maa no sii sɛ ɔbɛma wɔn da koro denare baako no,+ ɔde wɔn kɔɔ ne bobeturo mu. 3 Berɛ a ɔfirii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa* nso no,+ ɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina dwam+ a wɔnyɛ hwee; 4 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu, na mɛma mo deɛ ɛsɛ.’ 5 Enti wɔkɔeɛ. Ɔsan firii adi bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia*+ ne nkron*+ kɔyɛɛ saa ara. 6 Afei bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so dubaako* no, ɔfirii adi kɔhunuu ebinom sɛ wɔgyinagyina hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mogyinagyina ha da mũ nyinaa a monyɛ hwee?’ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntira.’ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobeturo no mu.’+
8 “Ɛduruu anwummerɛ no,+ bobeturo wura no ka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ n’adwuma soɔ no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfoɔ no na fa wɔn akatua ma wɔn,+ ɛfiri deɛ ɔtwa toɔ so kɔsi deɛ ɔdi kan so.’ 9 Berɛ a wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛtɔ so dubaako no baeɛ no, wɔn mu biara nyaa denare baako. 10 Enti, wɔn a wɔdii kan no baeɛ no, na wɔsusu sɛ wɔbɛnya pii asene saa; nanso denare baako akatua no ara na wɔn nso wɔnyaeɛ. 11 Wɔn nsa kaeɛ no wɔfirii aseɛ nwiinwii tiaa efiewura+ no 12 sɛ, ‘Yeinom a wɔbaa akyire yi no yɛɛ adwuma dɔnhwere baako pɛ; nanso woama wɔne yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mũ nyinaa ama awia ahye yɛn no anya pɛ!’ 13 Na ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare baako na me ne wo kaa ho asɛm?+ 14 Fa wo deɛ na kɔ. Mepɛ sɛ mema deɛ ɔtwa toɔ no sɛdeɛ mama woɔ no ara.+ 15 Adɛn, menni hokwan sɛ mede m’adeɛ yɛ deɛ me ara mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ+ nti na w’ani abereɛ?’+ 16 Saa ara na akyikafoɔ bɛdi kan na adikanfoɔ aka akyire.”+
17 Afei wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem no, Yesu de asuafoɔ dumienu+ no kɔɔ nkyɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 18 “Hwɛ! Yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no kumfɔ,+ 19 na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ ama wɔadi ne ho agorɔ na wɔaka no mpire abɔ no asɛndua mu,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+
20 Ɛnna Sebedeo+ mma mmarima no maame ne ne mma no baa ne nkyɛn bɛkotoo no srɛɛ no biribi.+ 21 Ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?” Ɔbaa no kaa sɛ: “Hyɛ ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’ahennie mu.”+ 22 Yesu buaa sɛ: “Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom deɛ merebɛnom no?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” 23 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nom deɛ mobɛnom,+ na me nifa ne me benkum so tena no deɛ, ɛnyɛ me dea na mede ama, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”+
24 Berɛ a edu a aka no tee yei no, wɔn ani beree anuanom mmienu no so.+ 25 Na Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn kaa sɛ: “Monim sɛ amanaman sodifoɔ no di wɔn so bakoma na atitire no di wɔn so tumi.+ 26 Nanso ɛnte saa mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfoɔ,+ 27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa,+ 28 sɛdeɛ onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔrebɛsom+ de ne kra ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree no.”+
29 Afei berɛ a wɔrefiri Yeriko+ no nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi. 30 Na hwɛ! berɛ a anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ: “Awurade, Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31 Na nnipakuo no teateaa wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔmaa wɔn nne so kɛse kaa sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 32 Enti Yesu gyinaeɛ, na ɔfrɛɛ wɔn kaa sɛ: “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.”+ 34 Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ maa no de ne nsa kaa wɔn ani,+ na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.+