Hebrifoɔ
10 Na ɛsiane sɛ Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsum+ na ɛnyɛ nneɛma no adeban no ara nti, nnipa ntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbɔ no afe afe no so mma wɔn a wɔba no nwie pɛyɛ+ da. 2 Anyɛ saa a, anka wɔannyae afɔdeɛ a na wɔbɔ no anaa? Ɛfiri sɛ anka wɔn a na wɔyɛ ɔsom adwuma no a wɔate wɔn ho prɛko no nnim bɔne bio.+ 3 Mmom no, saa afɔrebɔ yi ma wɔkae bɔne afe biara,+ 4 ɛfiri sɛ anantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ.+
5 Enti berɛ a ɔbaa wiase no, ɔkaa sɛ: “‘Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ deɛ woampɛ,+ na mmom wosiesiee nipadua maa me.+ 6 Ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekaa sɛ, ‘Hwɛ! Maba (wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu)+ sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ, O Onyankopɔn.’”+ 8 Berɛ a wadi kan aka sɛ: “Woampɛ, na w’ani ansɔ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ”+—afɔdeɛ a wɔbɔ sɛdeɛ Mmara no kyerɛ+ no— 9 afei ɔka sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ.”+ Ɔyi deɛ ɛdi kan no firi hɔ na ama watumi de deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ.+ 10 Saa “apɛdeɛ”+ no nti wɔnam Yesu Kristo nipadua a wɔde maa+ prɛko+ no so ate yɛn ho.+
11 Bio nso, ɔsɔfoɔ biara gyina ne gyinabea+ som daa daa,+ na ɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara mprɛ pii, ɛfiri sɛ ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ korakora.+ 12 Nanso ɔbarima yi bɔɔ afɔdeɛ baako maa bɔne afebɔɔ,+ na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa,+ 13 na ɛfiri saa berɛ no ɔretwɛn akɔsi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ.+ 14 Na ɔnam afɔdeɛ baako+ so ama wɔn a wɔma wɔn ho teɛ no ayɛ pɛ+ afebɔɔ. 15 Afei nso, honhom kronkron+ no nso di yɛn adanseɛ, ɛfiri sɛ ɛka sɛ: 16 “‘Yei ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ nna no akyi,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ no wɔn adwenem.’”+ 17 Na ɛka wɔ ɛno akyi sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmaratodeɛ bio da.”+ 18 Na sɛ yeinom ho fafirie+ wɔ hɔ a, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.+
19 Enti anuanom, ɛsiane sɛ yɛnam Yesu mogya so wɔ akokoɔduro a yɛde kɔ+ kronkronbea+ hɔ, 20 deɛ ɔbuee ano maa yɛn sɛ ɛkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam+ no mu, ɛne sɛ, ne honam+ mu, 21 na afei ɛsiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ a ɔdi Onyankopɔn fie so nti,+ 22 momma yɛmfa nokorɛ akoma mmra a yɛwɔ gyidie mu awerɛhyem a ɛdi mũ, berɛ a wɔate* yɛn akoma ho afiri ahonim+ bɔne mu na wɔde nsuo a emu teɛ+ ahohoro yɛn nipadua ho no. 23 Momma yɛnsɔ yɛn anidasoɔ+ ho mpaemuka no mu pintinn a yɛnhinhim,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no yɛ nokwafoɔ.+ 24 Na momma yɛnsusu yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho+ nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu,+ 25 na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam+ sɛdeɛ ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ ne titire no berɛ a mohunu sɛ ɛda no rebɛn no.+
26 Na sɛ yɛnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mũ,+ na ɛno akyi no yɛboapa+ tena bɔne mu a, bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio,+ 27 mmom no atemmuo akwanhwɛ+ a ɛyɛ hu na ɛwɔ hɔ, ne ninkunu a ano yɛ hyeɛ a ɛrebɛhye wɔn a wɔsɔre tia.+ 28 Sɛ obi bu Mose mmara no animtia a, wɔgyina nnipa mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ so ma no wu a ahummɔborɔ nnim.+ 29 Ɛnneɛ mosusu sɛ asotwe a ɛkyɛn soɔ+ bɛn na ɛbɛfata obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so+ na wabu apam mogya+ a wɔde tee ne ho no sɛ adehunu bi, na wasopa adom honhom+ no pasaa no? 30 Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua bɔne so ka”;+ afei nso: “Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”+ 31 Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefoɔ no nsam.+
32 Nanso, monkɔ so nkae kane nna a mohunuu hann no,+ sɛ mode animia gyinaeɛ na mokoo dendeenden wɔ amanehunu mu,+ 33 na ɛtɔ da bi a na wɔde ahohorabɔ ne ahohia ba mo so te sɛ deɛ mowɔ adehwɛbea,+ na ɛtɔ da bi nso a, mo ne wɔn a wɔfaa saa tebea no mu hunu amane.+ 34 Na wɔn a wɔdaa afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigyeɛ penee mo ahodeɛ a wɔfomeeɛ+ so, berɛ a monim sɛ mowɔ agyapadeɛ a ɛkyɛn soɔ na ɛwɔ hɔ daa no.+
35 Enti monnto ahotɔsoɔ a mode kasa+ a ɛso wɔ akatua+ kɛseɛ no nntwene. 36 Na mohia boasetɔ,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ wie+ a, mo nsa aka bɔhyɛ+ no. 37 Na “aka kakraa bi”+ na “deɛ ɔreba no abɛduru, na ɔrenkyɛ.”+ 38 “Na gyidie na ɛbɛma me teneneeni anya nkwa,”+ na, “sɛ ɔsan n’akyi a, me kra ani rennye ne ho.”+ 39 Yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidie a ɛgye ɔkra nkwa.+