Hebrifoɔ
7 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no sɔfoɔ,+ a berɛ a Abraham kɔkum ahemfo no a ɔresan aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no+ 2 na Abraham kyɛɛ nneɛma nyinaa mu maa no ntotosoɔ du du+ no, deɛ ɛdi kan no, ne din ase ne, “Tenenee Hene,” na afei nso ɔyɛ Salem hene,+ a ɛkyerɛ, “Asomdwoeɛ Hene.” 3 Ɛsiane sɛ ɔnni papa nni maame, na ɔnni abusua santen nni nna mfitiaseɛ+ anaa nkwa awieeɛ, na mmom wɔayɛ no sɛ Onyankopɔn Ba+ no nti, ɔkɔ so di sɔfoɔ daa.+
4 Enti monhwɛ sɛdeɛ onipa yi a abusua ti Abraham maa no asadeɛ akɛseɛ no so ntotosoɔ du du+ no yɛ kɛse fa. 5 Nokorɛm no, mmarima a wɔfiri Lewi mma+ mu a wɔnya asɔfodwuma no wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔgye ntotosoɔ du du+ firi ɔman no hɔ+ sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wɔgye firi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wɔfiri Abraham asene mu+ deɛ; 6 nanso ɔbarima a ɔmfiri saa abusua no mu+ no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du,+ na ɔhyiraa deɛ wɔhyɛɛ no bɔ no.+ 7 Nanso akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔyɛ kɛseɛ na ɔhyira deɛ ɔyɛ kumaa no.+ 8 Na asɛm baako mu no, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du,+ nanso deɛ ɛka ho no mu deɛ, ɛyɛ obi a wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ.+ 9 Na sɛ mɛka a, Lewi a ɔgye ntotosoɔ du du no mpo nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi, 10 ɛfiri sɛ na ɔda so ara wɔ ne nanabarima asene mu+ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no.+
11 Enti afei sɛ Lewi asɔfodie so na pɛyɛ+ nam a,+ (ɛfiri sɛ ɛno yɛ ade titire a wɔde kaa Mmara no ho maa ɔman no)+ anka ɛbɛyɛ dɛn na ɛho abɛhia bio+ sɛ ɔsɔfoɔ foforɔ bɛsɔre wɔ Melkisedek kwan so+ na wɔanka sɛ Aaron kwan so? 12 Na ɛsiane sɛ wɔresesa asɔfodie+ no nti, ɛhia sɛ wɔsesa mmara+ no nso. 13 Na ɔbarima a wɔaka nsɛm yi afa ne ho no firi abusuakuo foforɔ+ a obiara mfirii mu mmɛyɛɛ afɔrebukyia so adwuma+ da mu. 14 Na ɛda adi fann sɛ Yuda mu na yɛn Awurade firi pueeɛ,+ nanso Mose anka asɔfodie ho hwee amfa saa abusuakuo yi ho.
15 Emu da hɔ koraa sɛ na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ foforɔ+ a ɔne Melkisedek di nsɛ+ sɔreɛ, 16 deɛ wamfa mmara mu ahyɛdeɛ bi a ɛgyina ɔhonam+ so na ɔbɛyɛɛ saa, na mmom ɔnam nkwa a ɛnsɛeɛ+ tumi soɔ, 17 ɛfiri sɛ wɔka de di adanseɛ sɛ: “Woyɛ ɔsɔfoɔ daa wɔ Melkisedek kwan so.”+
18 Enti nokorɛm no wɔde mmara a ɛdii animu no too nkyɛn, ɛsiane sɛ na ɛyɛ mmerɛ+ na ɛnni mũ.+ 19 Ɛfiri sɛ Mmara no amma biribiara anwie pɛyɛ,+ na mmom anidasoɔ+ a ɛkyɛn ɛno a ɛbaeɛ no na ɛyɛɛ saa, na ɛno so na yɛnam bɛn Onyankopɔn.+ 20 Afei nso, berɛ dodoɔ a wɔankwati ntanka anyɛ yei no, 21 (asɛm no ne sɛ mmarima bi bɛyɛɛ asɔfoɔ a ntanka amma mu, nanso ɔbaako wɔ hɔ a wɔkaa ntam faa ne ho, na Onii a ɔkaa ntam no kaa ne ho asɛm sɛ: “Yehowa aka ntam+ (na ɔrennu ne ho) sɛ, ‘Woyɛ ɔsɔfoɔ daa,’”)+ 22 saa ara nso na Yesu abɛyɛ deɛ wɔde no adi agyinamu ama apam a ɛkyɛn ɛno.+ 23 Bio nso, ɛho bɛhiaa sɛ nnipa pii didi so bɛyɛ asɔfoɔ,+ ɛfiri sɛ owuo amma wɔantoa so+ saa daa; 24 nanso ɔno deɛ, ɛsiane sɛ ɔte ase daa+ nti, obiara nni n’adeɛ sɛ ɔsɔfoɔ. 25 Ne saa nti ɔbɛtumi nso agye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa a ɔbɛsrɛ ama wɔn.+
26 Na ɔsɔfo panin a ɔte saa no fata yɛn,+ ɔdi nokorɛ,+ bɔne nni ne mu,+ efĩ nni ne ho,+ ɔmfra abɔnefoɔ mu,+ na wɔama no so asene ɔsoro.+ 27 Ɛnhia sɛ da biara+ ɔdi kan bɔ afɔdeɛ ma ɔno ara ne bɔne+ sɛdeɛ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ no yɛeɛ no, ansa na wabɔ bi ama ɔman no:+ (na yei na ɔyɛɛ no prɛko+ berɛ a ɔde ne ho maeɛ+ no;) 28 na Mmara no yii nnipa a wɔyɛ mmerɛ+ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ,+ nanso ntanka asɛm+ a ɛbaa Mmara no akyi no yii Ɔba a wayɛ pɛ+ daa.