Ayeyi dwom.
98 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+
Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwanwa.+
Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagyeɛ adwuma ama no.+
2 Yehowa ama wɔahunu ne nkwagyeɛ;+
Wayi ne tenenee adi amanaman no ani so.+
3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie ama Israel fie.+
Asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.+
4 Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+
Momma mo ani nnye na monto ahurisie ne ayeyi dwom.+
5 Momfa sankuten nto dwom mma Yehowa,+
Momfa sankuten ne ɛnne nto dwom.+
6 Momfa ntotorobɛnto ne abɛn+
Mmɔ ose Ɔhene Yehowa anim.
7 Momma ɛpo nworo, ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+
Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.+
8 Momma nsubɔnten mmobɔ wɔn nsam;
Momma mmepɔ nyinaa nto ahurisi dwom+
9 Wɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.+
Ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu,+
Ne amanaman no atɛn, teeyɛ mu.+