Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
140 O Yehowa, gye me firi abɔnefoɔ nsam;+
Mesrɛ wo, bɔ me ho ban firi nnipa a wɔpɛ awudisɛm ho,+
2 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne wɔn akomam,+
Na daa nyinaa wɔto hyɛ yɛn so ɛko mu no.+
3 Wɔase wɔn kɛtrɛma ano sɛ ɔwɔ;+
Ahuritia borɔ wɔ wɔn anom.+ Sela.
4 O Yehowa, kora me so wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho;+
Mesrɛ wo, bɔ me ho ban firi nnipa a wɔpɛ awudisɛm ho,+
Wɔn a wɔabɔ pɔ sɛ wɔbɛto m’anammɔn suntidua no.+
5 Ahomasoɔfoɔ asum fidie ahunta me;+
Na wɔatrɛ nhoma mu sɛ atena wɔ kwankyɛn.+
Wɔasunsum me mfidie.+ Sela.
6 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me Nyankopɔn.+
O Yehowa, yɛ asõ ma me nkotɔsrɛ.”+
7 O Awurade Tumfoɔ Yehowa,+ me nkwagyeɛ ahoɔden,+
Woakata me tiri so ɛko da.+
8 O Yehowa, mma ɔdebɔneyɛfoɔ nnnya n’akɔnnɔdeɛ.+
Mma pɔ a ɔbɔ no nnyɛ yie na wamma ne ho so.+ Sela.
9 Wɔn a wɔatwa me ho ahyia no nso,
Ma wɔn ara wɔn anom mmusuo nkata wɔn tiri so.+
10 Ma nsramma a ɛredɛ ngu wɔn so.+
Ma wɔnkɔgu egya+ ne asubura mu na wɔansɔre.+
11 Deɛ ɔka nsɛnkɛseɛ no, mma n’ase nntim asase so.+
Onipa a ɔpɛ awudisɛm nso, bɔne na ma ɛntaa no.+
12 Me deɛ, menim sɛ Yehowa bɛdi+
Mmɔborɔni asɛm ama no na wabu atɛn ama ohiani.+
13 Aseda na ateneneefoɔ de bɛma wo din;+
Na teefoɔ bɛtena w’anim.+