Yesaia
36 Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiria+ hene Senaherib+ baa Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa so bɛfaeɛ.+ 2 Na Asiria hene somaa Rabsake+ firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa ne ho sɛ ɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem,+ na ɔkɔgyinaa atifi fam tadeɛ+ no suka ho,+ tempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asase soɔ no so.+ 3 Na Hilkia ba Eliakim+ a ɔyɛ efiepanin, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf+ ba Yoa+ a ɔyɛ ɔhene krakye+ bɛhyiaa no.
4 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ ɔhenkɛseɛ,+ Asiria hene,+ aka nie: “Ɛdeɛn koraa na wode wo ho ato soɔ yi?+ 5 Wokaa sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a mɛtumi de ako,’+ nanso ne nyinaa yɛ anosɛm ara kwa. Hwɛ, hwan koraa na wode wo ho ato ne so a enti woate atua atia me yi?+ 6 Wo ara hwɛ! Egypt+ na wode wo ho ato ne soɔ, demmire+ a emu abuo a sɛ onipa twere a ɛbɛwɔ ne nsam ahwire mu yi. Saa na Egypt hene Farao+ teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.+ 7 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu+ ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔrebukyia na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto no’?”’+ 8 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene+ nto nkyea+ na memma wo apɔnkɔ mpem mmienu, na hwɛ sɛ wobɛtumi anya mmarima atenatena so anaa.+ 9 Na sɛ nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ+ nti na wode wo ho ato Egypt so a, wobɛyɛ dɛn atumi ako atia me wura nkoa nkumaa no mu amrado baako mpo?+ 10 Wogye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛba sɛ merebɛsɛe asase yi? Yehowa na ɔka kyerɛɛ me sɛ,+ ‘Kɔ asase yi so kɔsɛe no.’”+
11 Ɛnna Eliakim+ ne Sebna+ ne Yoa+ ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Siria kasa,+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa+ mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no soɔ no nnte.”+ 12 Nanso Rabsake kaa sɛ: “Mo wura ne mo nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ wɔn a wɔtete fasuo no soɔ nti, sɛdeɛ ɛbɛma wɔadi wɔn tiafi na wɔanom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?”+
13 Afei Rabsake gyinaa yie,+ na ɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa+ mu sɛ: “Montie ɔhenkɛseɛ, Asiria hene no, asɛm.+ 14 Deɛ ɔhene aka nie, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo,+ na ɔrentumi nnye mo.+ 15 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so+ nnka sɛ: “Ɔgyeɛ na Yehowa bɛgye yɛn,+ na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 16 Monntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mongo mo ho mma me+ na mommra me nkyɛn na obiara nni ɔno ara ne bobe ne ne borɔdɔma,+ na ɔnnom ɔno ara n’abura mu nsuo+ 17 nkɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo ara mo asase soɔ,+ asase a ayuo ne nsã foforɔ wɔ soɔ, asase a paanoo ne bobe nturo wɔ soɔ no. 18 Mɛyɛ saa na Hesekia annaadaa mo+ anka sɛ, ‘Yehowa bɛgye yɛn.’ Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfoɔ afiri Asiria hene nsam pɛn?+ 19 Hamat+ ne Arpad+ anyame no wɔ he? Sefarwayim+ anyame no nso wɔ he? Wɔatumi agye Samaria afiri me nsam anaa?+ 20 Amanaman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam+ a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+
21 Nanso wɔyɛɛ komm na wɔanka asɛm biara,+ ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ 22 Ɛnna Hilkia ba Eliakim+ a ɔyɛ efiepanin,+ ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa+ a ɔyɛ ɔhene krakye sunsuanee wɔn ntadeɛ mu+ kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake+ nsɛm no kyerɛɛ no.