Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 23:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:16; 2Ko 1:12; 2Ti 1:3; Heb 13:18; 1Pe 3:16

Asomafoɔ Nnwuma 23:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:24; Yer 20:2; Yoh 18:22

Asomafoɔ Nnwuma 23:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 23:27
  • +Le 19:15
  • +De 25:1; Yoh 7:51

Asomafoɔ Nnwuma 23:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:28; Ɔsɛ 10:20

Asomafoɔ Nnwuma 23:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:1
  • +Aso 26:5; Flp 3:5
  • +Aso 24:21
  • +Aso 28:20

Asomafoɔ Nnwuma 23:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 22:23

Asomafoɔ Nnwuma 23:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 12:18
  • +Lu 20:27

Asomafoɔ Nnwuma 23:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 8:29
  • +Lu 23:4; Aso 25:25
  • +Aso 22:7, 17

Asomafoɔ Nnwuma 23:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:32
  • +Aso 22:24

Asomafoɔ Nnwuma 23:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:23
  • +Aso 18:9; 27:24
  • +Aso 20:21
  • +Aso 28:23, 30; Ro 1:15

Asomafoɔ Nnwuma 23:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:3
  • +Aso 23:21
  • +Dw 31:13

Asomafoɔ Nnwuma 23:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 5:8

Asomafoɔ Nnwuma 23:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:20
  • +Aso 25:3

Asomafoɔ Nnwuma 23:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:24

Asomafoɔ Nnwuma 23:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:16

Asomafoɔ Nnwuma 23:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:15

Asomafoɔ Nnwuma 23:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 10:9; Mme 1:16; Yes 59:7; Aso 9:23; 2Ko 11:26
  • +Aso 23:12

Asomafoɔ Nnwuma 23:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Bɛyɛ anadwo nnɔn 9.

Asomafoɔ Nnwuma 23:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:3

Asomafoɔ Nnwuma 23:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:33
  • +Aso 16:37; 22:25

Asomafoɔ Nnwuma 23:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:30

Asomafoɔ Nnwuma 23:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:15; 24:5; 25:19
  • +Aso 26:31

Asomafoɔ Nnwuma 23:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:16; 25:3
  • +Aso 24:8; 25:5, 11

Asomafoɔ Nnwuma 23:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:23

Asomafoɔ Nnwuma 23:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:40

Asomafoɔ Nnwuma 23:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:3
  • +Aso 6:9; 21:39

Asomafoɔ Nnwuma 23:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:1; 25:16

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 23:1Aso 24:16; 2Ko 1:12; 2Ti 1:3; Heb 13:18; 1Pe 3:16
Aso. 23:21Ah 22:24; Yer 20:2; Yoh 18:22
Aso. 23:3Mt 23:27
Aso. 23:3Le 19:15
Aso. 23:3De 25:1; Yoh 7:51
Aso. 23:5Ex 22:28; Ɔsɛ 10:20
Aso. 23:6Aso 4:1
Aso. 23:6Aso 26:5; Flp 3:5
Aso. 23:6Aso 24:21
Aso. 23:6Aso 28:20
Aso. 23:7Mt 22:23
Aso. 23:8Mr 12:18
Aso. 23:8Lu 20:27
Aso. 23:9Mt 8:29
Aso. 23:9Lu 23:4; Aso 25:25
Aso. 23:9Aso 22:7, 17
Aso. 23:10Aso 21:32
Aso. 23:10Aso 22:24
Aso. 23:11Aso 27:23
Aso. 23:11Aso 18:9; 27:24
Aso. 23:11Aso 20:21
Aso. 23:11Aso 28:23, 30; Ro 1:15
Aso. 23:12Aso 25:3
Aso. 23:12Aso 23:21
Aso. 23:12Dw 31:13
Aso. 23:14Ɔsɛ 5:8
Aso. 23:15Aso 23:20
Aso. 23:15Aso 25:3
Aso. 23:16Aso 9:24
Aso. 23:19Aso 23:16
Aso. 23:20Aso 23:15
Aso. 23:21Dw 10:9; Mme 1:16; Yes 59:7; Aso 9:23; 2Ko 11:26
Aso. 23:21Aso 23:12
Aso. 23:26Aso 24:3
Aso. 23:27Aso 21:33
Aso. 23:27Aso 16:37; 22:25
Aso. 23:28Aso 22:30
Aso. 23:29Aso 18:15; 24:5; 25:19
Aso. 23:29Aso 26:31
Aso. 23:30Aso 23:16; 25:3
Aso. 23:30Aso 24:8; 25:5, 11
Aso. 23:31Aso 23:23
Aso. 23:33Aso 8:40
Aso. 23:34Aso 22:3
Aso. 23:34Aso 6:9; 21:39
Aso. 23:35Aso 24:1; 25:16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 23:1-35

Asomafoɔ Nnwuma

23 Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa no dinn kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim+ pa abɔ me bra Onyankopɔn anim abɛsi nnɛ da yi.” 2 Na ɔsɔfo panin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyinagyina ne nkyɛn no sɛ wɔmmɔ+ n’ano so. 3 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn rebɛbɔ wo, wo ɔfasuo a wɔaka ho fitaa.+ Wotena ase bu me atɛn sɛdeɛ Mmara+ no teɛ, na berɛ korɔ no ara nso wobu Mmara no so+ hyɛ sɛ wɔmmɔ me?” 4 Wɔn a wɔgyinagyina hɔ no kaa sɛ: “Onyankopɔn sɔfo panin na worekasa tia no yi?” 5 Ɛnna Paulo kaa sɛ: “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ sɔfo panin. Na wɔatwerɛ sɛ, ‘Nka wo manfoɔ sodifoɔ ho asɛmmɔne.’”+

6 Afei berɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no fã yɛ Sadukifoɔ+ na fã nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ Sanhedrin badwa no mu sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini,+ Farisifoɔ ba. Owusɔreɛ+ ho anidasoɔ ho nti na wɔrebu me atɛn yi.”+ 7 Ɛsiane sɛ ɔkaa yei nti, ɛyɛɛ akasakasa+ wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipa no mu kyɛɛ mmienu. 8 Ɛfiri sɛ Sadukifoɔ+ no ka sɛ owusɔreɛ+ anaa abɔfoɔ anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ no deɛ, wɔgye ne nyinaa di. 9 Enti ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye,+ na atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasaa dendeenden sɛ: “Yɛnhunu mfomsoɔ biara wɔ onipa yi ho;+ nanso sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ kasa kyerɛɛ no a,+—.” 10 Afei berɛ a akasakasa no yɛɛ kɛse no, na ɔsahene no suro sɛ wɔbɛtete Paulo mu asinasini, enti ɔhyɛɛ asraafoɔ+ no sɛ wɔnkɔgye no mfiri wɔn nsam mfa no mmra asraafoɔ asoɛeɛ hɔ.+

11 Anadwo a ɛdi hɔ no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn+ kaa sɛ: “Nya akokoɔduro!+ Na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ+ fekɔfekɔ wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wodi adanseɛ wɔ Roma nso.”+

12 Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no pam Paulo tiri so+ kekaa wɔn ho ntam+ sɛ wɔrennidi na wɔrennom kɔsi sɛ wɔbɛku no.+ 13 Nnipa bɛboro aduanan na wɔkekaa ntam de pam ne tiri soɔ. 14 Ɛnna wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ+ no ne mpanimfoɔ no hɔ kɔkaa sɛ: “Yɛaka ntam dendeenden sɛ yɛremfa aduane nka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. 15 Enti, afei, mo ne Sanhedrin no mma ɔsahene no nhunu deɛ enti a ɛsɛ sɛ ɔde no brɛ mo no fann te sɛ deɛ mopɛ sɛ mohunu ne nsɛm no mu yie.+ Nanso ansa na ɔbɛduru ha no, na yɛahunu kwan a yɛbɛfa so ayi no hɔ.”+

16 Nanso Paulo wɔfase tee sɛ nkurɔfoɔ no akɔtetɛ no,+ enti ɔbaa asraafoɔ asoɛeɛ hɔ bɛbɔɔ Paulo amanneɛ. 17 Ɛno nti Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsahene hɔ, na ɔwɔ amanneɛbɔ bi ma no.” 18 Ɛnna ɔfaa no de no kɔmaa ɔsahene no sɛ: “Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmrɛ wo, na ɔwɔ biribi ka kyerɛ wo.” 19 Ɔsahene no sɔɔ ne nsa twee no+ kɔɔ nkyɛn na ɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” 20 Ɔkaa sɛ: “Yudafoɔ no ayɛ adwene sɛ wɔbɛsrɛ wo ama wode Paulo abrɛ Sanhedrin no ɔkyena te sɛ deɛ wɔpɛ sɛ wɔhunu ne nsɛm mu yie.+ 21 Nanso mma wɔnnnane w’adwene, ɛfiri sɛ nnipa bɛboro aduanan akɔtetɛ+ no, na wɔaka ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom kɔsi sɛ wɔbɛku no;+ na wɔayɛ krado seesei retwɛn sɛ wobɛma wɔn ho kwan.” 22 Enti ɔsahene no maa aberanteɛ no kɔeɛ na ɔhyɛɛ no sɛ: “Nka nkyerɛ obiara sɛ woada nsɛm yi adi akyerɛ me.”

23 Na ɔfrɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ mmienu kaa sɛ: “Momma asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ aduɔson ne wɔn a wɔkurakura mpea ahanu nsiesie wɔn ho nkɔ Kaesarea anadwo dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa* no mu. 24 Afei nso monhwehwɛ apɔnkɔ mma Paulo ntena so nkɔ amrado Felike hɔ dwoodwoo.” 25 Na ɔtwerɛɛ krataa a nsɛm a ɛwom ne sɛ:

26 “Me, Klaudio Lisia, metwerɛ kɔma onimuonyamfoɔ Amrado Felike:+ Mekyea wo! 27 Yudafoɔ kyee ɔbarima yi a anka wɔreku no, nanso ntɛm ara na mede asraafoɔdɔm kɔgyee no,+ ɛfiri sɛ mehunuu sɛ ɔyɛ Romani.+ 28 Na mepɛɛ sɛ mehunu soboɔ a wɔrebɔ no nti, mede no baa wɔn Sanhedrin badwa no anim.+ 29 Mehunu sɛ deɛ wɔde abɔ no soboɔ no fa wɔn mmara no mu nsɛm bi ho,+ nanso wɔmfaa asɛm baako mpo ntoo ne so a ɛsɛ sɛ ɔwuo anaasɛ wɔgu no mpokyerɛ.+ 30 Nanso ɛsiane sɛ wɔayi me asotire sɛ wɔabɔ ɔbarima no ho pɔ+ bi nti, mede no rebrɛ wo ntɛm ama wɔn a wɔwɔ biribi tia no no abɛbɔ wɔn nkuro w’anim.”+

31 Enti asraafoɔ+ yi faa Paulo sɛdeɛ wɔahyɛ wɔn no de no baa Antipatri anadwo no. 32 Adeɛ kyeeɛ no, wɔmaa apɔnkɔsotefoɔ no kwan maa wɔde no kɔeɛ, na wɔsan baa asraafoɔ asoɛeɛ hɔ. 33 Apɔnkɔsotefoɔ no kɔɔ Kaesarea+ de krataa no kɔmaa amrado no na wɔde Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Afei berɛ a ɔkenkan wieeɛ no, ɔbisaa no ɔmantam ko a ɔfiri mu, na ɔhunuu+ sɛ ɔfiri Kilikia.+ 35 Ɔkaa sɛ “Sɛ wɔn a wɔabɔ wo soboɔ no nso ba a,+ mɛyɛ aso atie wo yie.” Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnhwɛ ne so wɔ Herode aban mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane