Yohane
15 “Mene nokorɛ bobe no,+ na m’Agya ne okuafoɔ no.+ 2 Nkorabata biara a ɛwɔ me ho a ɛnso aba no, ɔyi firi hɔ,+ na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho+ na atumi aso aba pii.+ 3 Ɛsiane asɛm a maka akyerɛ mo nti, mo ho ate dada.+ 4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu.+ Sɛdeɛ nkorabata no ara ntumi nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara na mo nso montumi nso aba gye sɛ motena me mu.+ 5 Mene bobe no, mone nkorabata no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔso aba pii;+ ɛfiri sɛ menni hɔ a, montumi nyɛ hwee. 6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtwa no twene sɛ nkorabata na ɛwu; na nnipa boaboa nkorabata no ano kɔgu gya mu ma no hye.+ 7 Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.+ 8 Deɛ ɛhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ mobɛkɔ so aso aba pii na moada mo ho adi sɛ m’asuafoɔ.+ 9 Sɛdeɛ Agya no dɔ me+ na me nso medɔ mo no, montena me dɔ mu. 10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ+ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi Agya no ahyɛdeɛ so+ na mete ne dɔ mu no.
11 “Maka yei akyerɛ mo na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ ayɛ mã.+ 12 M’ahyɛdeɛ ne sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.+ 13 Obiara nni ɔdɔ a ɛsene yei, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.+ 14 Sɛ moyɛ deɛ merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.+ 15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura yɛ. Na mmom mafrɛ mo nnamfo,+ ɛfiri sɛ deɛ mate afiri m’Agya hɔ nyinaa mama moahunu.+ 16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na mmom me na mayi mo, na mayi mo sɛ monkɔ nkɔso aba+ na mo aba no ntena hɔ; ɛno na sɛ mobisa Agya no hɔ biribiara me din mu a, ɔde bɛma mo.+
17 “Yeinom na mehyɛ mo na ama moadodɔ mo ho.+ 18 Sɛ wiase tan mo a, monim sɛ atan me ansa na ɛretan mo.+ 19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ deɛ ɛyɛ ne dea no asɛm.+ Nanso ɛsiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mayi mo afiri wiase nti, wiase no tan mo.+ 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no, akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso;+ sɛ wɔadi m’ahyɛdeɛ so a, mo nso wɔbɛdi mo deɛ so. 21 Nanso me din nti na wɔbɛyɛ yeinom nyinaa atia mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.+ 22 Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne;+ nanso seesei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.+ 23 Deɛ ɔtan me no tan m’Agya nso.+ 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔn mu a,+ anka wɔnni bɔne;+ nanso seesei wɔahunu na wɔatan me ne m’Agya nyinaa.+ 25 Nanso ɛno na ɛbɛma asɛm a wɔatwerɛ no wɔn Mmara no mu no aba mu sɛ, ‘Wɔtan me kwa.’+ 26 Sɛ ɔboafoɔ a mɛsoma no afiri Agya no nkyɛn,+ nokorɛ no honhom a ɛfiri Agya no hɔ no, nya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;+ 27 na ɛsɛ sɛ mo nso modi adanseɛ,+ ɛfiri sɛ mo ne me atena firi berɛ a mefirii aseɛ.