Ɔsoro-forɔ Dwom. Dawid dwom.
126 Berɛ a Yehowa boaboaa Sion nnommum ano san baeɛ no,+
Ɛyɛɛ yɛn sɛ adaeɛso.+
2 Saa berɛ no, sereɛ hyɛɛ yɛn afonom mã,+
Na ahurisie hyɛɛ yɛn kɛtrɛma so mã.+
Saa berɛ no, wɔkaa no amanaman no mu sɛ:+
“Yehowa ayɛ adekɛseɛ ama wɔn.”+
3 Yehowa ayɛ adekɛseɛ ama yɛn.+
Yɛn ani agye.+
4 O Yehowa, boaboa yɛn nnommum ano san bra+
Sɛ asutene a ɛwɔ Negeb no.+
5 Wɔn a wɔde nisuo gu aba no+
De ahurisie na ɛbɛtwa.+
6 Deɛ ɔde esũ firi adie+
A ɔkura aba kotokuo mã no,+
Ɔde anigyeɛ na ɛbɛba+
A ɔkura ayuo atifi atifi.+