Yakobo
5 Afei montie, mo adefoɔ,+ monsu nkeka mu ahohia a ɛreba mo soɔ nti.+ 2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa+ awe mo ntadeɛ ngugusoɔ. 3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen asɛe, na nnaakyen no bɛyɛ adanseɛ atia mo na ɛbɛdi mo nam. Biribi a ɛte sɛ egya+ na moakora so+ wɔ nna a ɛdi akyire no mu.+ 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfoɔ a wɔtwaa mo afuo mu nnɔbaeɛ a mode akame wɔn+ no reteam,+ na atwafoɔ no sufrɛ+ aduru asafo Yehowa asom.+ 5 Moanya asetena pa wɔ asase so na moadi honam akɔnnɔ akyi.+ Moama mo akoma adɔ sradeɛ okum da no.+ 6 Moabu ɔteneneeni fɔ aku no. Ɔrensi mo kwan anaa?+
7 Enti anuanom, monnya ntoboaseɛ nkɔsi Awurade mmaeɛ.+ Hwɛ! Okuafoɔ kɔ so ara twɛn asase so aba a ɛsom boɔ no, na ɔto ne bo ase wɔ ho kɔsi sɛ ɔbɛnya sukane ne adonsuo.+ 8 Mo nso monnya ntoboaseɛ;+ momma mo akoma nnyina pintinn, ɛfiri sɛ Awurade mmaeɛ no abɛn.+
9 Anuanom monnsi apini nntia mo ho mo ho na wɔammu mo atɛn.+ Hwɛ! Ɔtemmufoɔ no gyina apono ano.+ 10 Anuanom, momfa adiyifoɔ+ a wɔkasaa Yehowa din mu+ no amanehunu+ ne wɔn ntoboaseɛ+ nyɛ nhwɛsodeɛ.+ 11 Hwɛ! Yɛbu wɔn a wɔagyina mu no anigyefoɔ.+ Moate Hiob+ boasetɔ no ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa maa ɛfirii mu baeɛ,+ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu.+
12 Nanso, me nuanom, deɛ ɛsene ne nyinaa no, monnka ɔsoro anaa asase ntam anaa ntam foforɔ biara.+ Mmom momma mo Aane nyɛ Aane, na mo Dabi nyɛ Dabi, na moanhwe atemmuo mu.+
13 Mo mu bi wɔ hɔ a amane bi ato no anaa? Ma no nkɔ so ara mmɔ mpaeɛ.+ Obi wɔ hɔ a ne ho atɔ no? Ma no nto ayeyie nnwom.+ 14 Mo mu bi yare anaa?+ Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ+ na wɔmmɔ mpaeɛ mma no, na wɔnsra no ngo+ Yehowa din mu. 15 Na gyidie mpaebɔ no bɛma deɛ ɔnte apɔ no ho ayɛ no den,+ na Yehowa bɛma ne so.+ Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde bɛfiri no.+
16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+ 17 Ná Elia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara,+ nanso ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ nsuo nntɔ;+ na ampa ara nsuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia. 18 Afei ɔsan bɔɔ mpaeɛ na ɔsoro maa nsuo na asase soo n’aba.+
19 Me nuanom, sɛ mo mu bi mane firi nokorɛ no ho na ɔfoforɔ dane no a,+ 20 monhunu sɛ deɛ ɔdane ɔbɔnefoɔ firi ne kwammɔne soɔ+ no bɛgye ne kra afiri owuo mu+ na wakata bɔne pii so.+